2 Berɛsosɛm 15 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Odiyifo Asaria kɔkɔbɔ

1Na Onyankopɔn honhom baa Oded ba Asaria so,

2na ofii adi kohyiaa Asa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asa ne Yuda ne Benyamin nyinaa, muntie me. AWURADE ne mo te, sɛ mo ne no te yi. Na sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mugyaw no a, obegyaw mo.

3Hos 3.4 Na Israel nna bebree wɔ hɔ a wonni nokware Nyankopɔn no, na wonni ɔsɔfo a ɔkyerɛkyerɛ, na wonni mmara.

4Yer 29.13-14 Na wɔn ahohia mu, wɔsan baa AWURADE Israel Nyankopɔn nkyɛn bɛhwehwɛɛ no no, ɔma wohuu no.

5Na ɛbere no mu no na asomdwoe nni hɔ mma nea ofi adi ne nea ɔba mu, na sakasaka bebree baa nsaase no sotefo nyinaa so.

6Luka 21.10 Na wɔbobɔɔ wɔn ho, ɔman ne ɔman, ne kurow ne kurow, na Onyankopɔn de ahohia nyinaa tanee wɔn ani.

71 Ko 15.58 Na mo de, monhyɛ mo ho den, na mommma mo abasa mu nngow, na mo adwuma so wɔ akatua.

Onyankopɔn apam no ntimu

8Na Asa tee nsɛm yi ne odiyifo Oded adiyi no, ɔhyɛɛ ne ho den, na oyii atantanne no fii Yuda ne Benyamin asase nyinaa so ne nkurow a ogyei Efraim bepɔw so no mu, na ɔyɛɛ AWURADE afɔremuka a ɛwɔ AWURADE ntwironoa no anim no foforo.

9Na ɔboaa Yuda ne Benyamin nyinaa ne ahɔho a wofi Efraim ne Manase ne Simeon bae bɛkaa wɔn ho no ano hyiae, na wohui sɛ AWURADE ne Nyankopɔn di n’akyi nti, nnipa pii wae fii Israel baa ne fam.

10Na wɔboaa wɔn ho ano Yerusalem, ɔsram a ɛto so abiɛsa no, Asa ahenni afe a ɛto so dunum so.

11Na wɔde asade a wɔde bae no bi bɔɔ AWURADE afɔre da no: Anantwi ahansɔn ne nguan mpemnsɔn,

12Yos 24.25 na wɔkɔɔ apam no mu sɛ wɔde wɔn koma nyinaa ne wɔn kra nyinaa bɛhwehwɛ AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn no,

13na obiara a ɔrenhwehwɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn no, akumaa oo, ɔkɛse oo, ɔbarima oo, ɔbea oo, wonkum no.

14Na wɔde nne kɛse ne osebɔ ne ntorobɛnto ne mmɛn sua kyerɛɛ AWURADE.

152 Be 14.7; 20.30 Na Yuda nyinaa ani gyee nsua no ho, efisɛ wɔn koma nyinaa na wɔde suae; na wɔn pɛ nyinaa so na wɔhwehwɛɛ no; na ɔma wohuu no, na AWURADE maa wɔn ɔhome afa nyinaa hyiae.

16 1 Ah 15.13-15 Na Maaka a ɔyɛ ɔhene Asa ne na nso, otuu no fii ɔhemmeadi so, efisɛ ɔyɛɛ ohoni bi maa Asera; na Asa twaa ne honi no, bubuu no dukuduku kɔhyewee Kidron subon mu.

17Na sorɔnsorɔmmea no de, wɔanyi amfi Israel; nanso Asa koma dii mu ne nna nyinaa mu.

18Na ɔde n’agya akronkronne ne n’ankasa akronkronne baa Onyankopɔn fi: Dwetɛ ne sika ne nnwinne.

19Na akodi bi amma de kosii Asa ahenni afe a ɛto so aduasa anum so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help