1Ɔtwɛn na metwɛn AWURADE,
na ɔyɛɛ aso maa me,
2na ɔtee me sufrɛ.
Na oyii me fii ɔsɛe amoa mu, fii atɛkyɛ mu,
na ɔde me nan sii ɔbotan so,
ɔmaa m’anammɔn tintimii.
3 Nnw 33.3 Na ɔde dwom foforo ahyɛ m’anom,
yɛn Nyankopɔn ayeyi dwom.
Nnipa bebree behu asuro,
na wɔabata AWURADE ho.
4Nhyira ne nnipa a wɔde wɔn ani ato AWURADE so,
na wɔnnan wɔn ho nkɔ ahantanfo nkyɛn
ne wɔn a wɔman di anyame huhu akyi.
5 Nnw 139.17-18 AWURADE, me Nyankopɔn,
w’anwonwade ne w’adwene, woama adɔɔso ama yɛn,
wɔrentumi mfa biribi nto wo ho;
anka mɛka na makasa ho,
ɛdɔɔso sen sɛ wobetumi akan.
6 Nnw 51.16; Heb 10.5-10; Yes 50.5 Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛde,
woasiesie aso de ama me,
wummisa ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre.
7Ɛnna mekaa sɛ: Hwɛ, mereba,
wɔakyerɛw me ho asɛm nhoma mmobɔwee no mu.
8Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ nea wo, me Nyankopɔn, wopɛ,
na wo mmara wɔ me komam.
9 Nnw 22.22, 25 Maka trenee ho asɛmpa asafo kɛse mu,
hwɛ, meremmua m’ano, AWURADE, wunim.
10Mankora wo trenee so me komam,
maka wo nokware ne wo nkwagye,
mansiw w’adɔe ne wo nokware so,
asafo kɛse mu.
11Wo AWURADE, worensiw me wo mmɔborohunu so,
w’adɔe ne wo nokware bɛbɔ me ho ban daa,
12Na bɔne a wonnim ano atwa me ho ahyia,
m’amumɔyɛ aso me mu a ɛmma minhu ade bio,
ɛdɔɔso sen me ti so nwi,
na me koma agyaw me.
13AWURADE, ma ɛnyɛ wo fɛ sɛ wubegye me,
AWURADE, yɛ ntɛm bɛboa me!
14 Nnw 6.10 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra asɛe no no ani nwu,
na wɔn anim ngu ase,
ma wɔn a wɔpɛ me bɔne nsan wɔn akyi,
na wɔnnan ahohorafo!
15 Nnw 35.21, 25 Wɔn a wose me sɛ: Wiɛ, wiɛ! No,
ma wɔn ho nnwiriw wɔn,
wɔn aniwu akatua so.
16Ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa nni ahurusi,
na wɔn ani nnye wo ho;
ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye nka daa sɛ:
Wɔnkamfo AWURADE kɛseyɛ.
17 Nnw 109.22 Na me de, meyɛ mmɔbɔ, na meyɛ ohiani de,
nanso AWURADE dwen me ho.
Wone me boafo ne me gyefo, me Nyankopɔn,
ntwentwɛn wo nan ase!
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
