Deuteronomium 18 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Asɔfo ne Lewifo agyapade ne AWURADE

1 Deut 10.9; Deut 18.8-20; 1 Ko 9.13 Wɔmmma asɔfo Lewifo, Lewi abusuakuw nyinaa nnnya kyɛfa ne agyapade biara Israel mu. Wobetumi adi AWURADE gya afɔre so ade no bi, ɛno nyɛ wɔn agyapade.

2Na wɔrennya agyapade wɔn nuanom mu; AWURADE ne wɔn agyapade, sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.

3Na eyi nyɛ asɔfo no kyɛfa a efi ɔman no nsam, mfi wɔn a wɔbɔ afɔre no nkyɛn, nantwi oo, oguan oo: Wɔmfa basa ne abogye ne ofuru mma ɔsɔfo no;

4w’aburow, wo nsa ne wo ngo mu adekan ne wo nguan ho nwi a wutwa kan no, fa ma no,

5efisɛ ɔno na AWURADE wo Nyankopɔn ayi no afi wo mmusuakuw nyinaa mu, sɛ onnyina nsom AWURADE din mu, ɔno ne ne mma, nna nyinaa.

6Na sɛ Lewini bi fi wo nkurow no biara mu, fi Israel mu baabiara a wakɔsoɛ hɔ, na ɔde ne pɛ nyinaa ba bɛtena faako a AWURADE bɛkyerɛ hɔ a,

7ɛnne ɔnsom AWURADE ne Nyankopɔn din mu sɛ ne nuanom Lewifo a wogyina AWURADE anim hɔ nyinaa yɛ no.

8Wonnya kyɛfa koro nni nka nea efi n’agyanom ade a wɔatɔn mu no ho.

Wɔnnyɛ amanaman akyide

9Sɛ wunya du asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so a, nsua amanaman no akyide no yɛ.

10Lew 18.21; 19.26, 31; 20.27 Mma wonnhu wo mu obi a ɔma ne babarima anaa ne babea fa ogya mu, ɔkɔmfo a ɔhyɛ abosonkɔm, ɔbayifo ne ɔdebisafo ne ntafowayifo,

111 Sa 28.11 ne kaberɛkyerefo ne samanfrɛfo ne osumanni ne nea obisa afunu,

12efisɛ AWURADE akyide ne wɔn a wɔyɛ eyinom nyinaa, na akyide yi nti na AWURADE wo Nyankopɔn retu wɔn afi w’anim yi.

13Gye 6.9; Nnw 15.2 Wo ne AWURADE wo Nyankopɔn ntena no mudi mu.

14Na amanaman yi a worekotu wɔn yi tie abayifo ne nkɔmhyɛfo, na wo de, AWURADE wo Nyankopɔn mmaa wo kwan sɛ yɛ no sa.

Wontie Odiyifo no

15 Deut 12.6-8; Yoh 1.45; 6.14; Aso 3.22; 7.37; Heb 12.24 Odiyifo a ofi wo mu a ofi wo nuanom mu te sɛ me na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma no so ama wo, ɔno na muntie no.

16Eks 20.19; Heb 12.19 Sɛnea wubisaa AWURADE wo Nyankopɔn wɔ Horeb guabɔ da no sɛ: Mma mennte AWURADE me Nyankopɔn nne bio, na mma minnhu ogya kɛse yi bio, na manwu!

17Deut 5.28 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nea wɔaka no wɔaka no yiye:

18Mɛma odiyifo so mama wɔn wɔn nuanom mu sɛ wo; na mede me nsɛm mɛhyɛ n’anom, na waka nea mɛhyɛ no nyinaa akyerɛ wɔn;

19na obiara a ɔrentie me nsɛm a ɔbɛka me din mu no, me ara mebisa no ase.

20 Yer 14.15; Deut 13.5 Na odiyifo a ɔbɛma ne ho so aka asɛm bi, me din mu, a menhyɛɛ no sɛ ɔnka ne nea ɔbɛkasa anyame foforo din mu no, odiyifo ko no bewu.

21Na sɛ woka wo koma mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na yebehu asɛm a AWURADE nkae no?

22Sɛ odiyifo no kasa AWURADE din mu na asɛm no amma anaasɛ amma mu a, na AWURADE nkae ne no; ahokyerɛ na odiyifo no de kasae, nsuro no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help