1Na eyi akyi no, Amonfo hene Nahas wui, na ne ba bedii n’ade.
2Ɛnna Dawid kae sɛ: Mɛyɛ Nahas ba Hanun adɔe, sɛnea n’agya yɛɛ me adɔe no. Na Dawid somaa abɔfo sɛ wɔnkɔma no hyɛden n’agya nti. Na Dawid nkoa no siim kɔɔ Amonfo asase so kɔɔ Hanun nkyɛn, sɛ wɔnkɔma no hyɛden.
3Ɛnna Amonfo asafohene ka kyerɛɛ Hanun sɛ: So w’agya nidi nti na Dawid somaa wo nkyɛn hyɛdenmafo yi? So ɛnyɛ asase no mu pɛepɛe ne ne butuw ne ne sra nti na ne nkoa aba wo nkyɛn yi?
4Ɛnna Hanun faa Dawid nkoa no, na oyiyii wɔn, na otwitwaa wɔn ntade mu fa fa de beduu wɔn nsrɛkyiri, na ogyaa wɔn kwan.
5Na wɔba bɛkaa mmarima no ho asɛm kyerɛɛ Dawid. Ɛnna ɔsoma kohyiaa wɔn, efisɛ wɔasopa mmarima no pa ara, na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montena Yeriko nkosi sɛ mo bogyesɛ befuw ansa na moasan aba.
6Na Amonfo no hui sɛ wɔn ho abɔn Dawid no, Hanun ne Amonfo de dwetɛ dwetikɛse apem soma ma wɔde kogyee Mesopotamia ne Maaka-siria ne Soba nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo adɔm,
7na wogyee nteaseɛnam ɔpeduasa abien ne Maaka hene ne ne man adɔm, na wɔbae bɛbɔɔ nsra Medeba anim, na Amonfo no nso fii wɔn nkurow mu boaboaa wɔn ho ano baa akono hɔ.
8Na Dawid tee no, ɔsomaa Yoab ne nnɔmmarima dɔm no nyinaa kɔe.
9Na Amonfo no fii adi, na wɔbɛbaee dɔm no mu kurow no pon ano. Na ahene a wɔbae no, wɔn nko dii petee mu.
10Na Yoab hui sɛ dɔm no ani kyerɛ no so n’anim ne n’akyi no, ɔpaw Israel mu mmerante nyinaa, na ɔbaee wɔn mu kohyiaa Siriafo.
11Na ɛdɔm no nkae no, ɔde wɔn hyɛɛ ne nua Abisai nsa, na wɔbaee mu kohyiaa Amonfo no.
12Na ɔkae sɛ: Sɛ Siriafo yɛ den sen me a, bra bɛboa me, na sɛ Amonfo yɛ den sen wo a, mɛba mabɛboa wo.
131 Sa 3.18 Hyɛ wo ho den na ma yɛn ho nyɛ den mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkurow, na AWURADE de, nea ɔpɛ na ɔnyɛ.
14Na Yoab ne dɔm a ɛka ne ho no twiw bɛn Siriafo anim ne wɔn koe, na wogui n’anim.
15Na Amonfo no hui sɛ Siriafo agu no, wɔn nso gui ne nua Abisai anim kɔhyɛn kurow no mu. Na Yoab san baa Yerusalem.
16Na Siriafo no hui sɛ wɔagu Israel anim no, wɔsomaa abɔfo kɔpɔn Siriafo a wɔwɔ asuogya no bae, na Hadadeser sahene Sofak di wɔn anim.
17Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid no, ɔkɔboaa Israel nyinaa ano kotwaa Yordan, na ɔkɔtoo wɔn twaa wɔn so mpasua. Na Dawid yerɛw dɔm no mu sɛ okohyia Siriafo no ne wɔn ako, na wɔne no koe.
18Na Siriafo no gui Israel anim, na Dawid kunkum Siriafo no mu nteaseɛnamfo mpemnson ne anammɔn mufo mpemnan, na okum ɔsahene Sofak nso.
192 Sa 10 Na Hadadeser nkoa hui sɛ wɔagu Israel anim no, wɔne Dawid yɛɛ asomdwoe apam na wɔsom no. Na Siriafo ampɛ sɛ wɔboa Amonfo no bio.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.