Eksodɔs 14 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Israelfo twa Mmɛw Po no mu

1Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

2Ka kyerɛ Israelfo ma wɔnnan nkɔbɔ nsra wɔ Pihahirot anim wɔ Migdol ne po ntam, wɔ Baalsefon anim; ne ntentenso na monkɔbɔ nsra no wɔ po no ano.

3Na Farao bɛka Israelfo ho sɛ: Wɔrewɔ asase no so ntwɛtwɛdɛ, sare aka wɔn atom.

4Eks 4.21; 9.16; Hes 28.22 Na mepirim Farao koma ma watiw wɔn, na mɛhyɛ m'anim nyam Farao ne ne dɔm nyinaa so, na Misraimfo ahu sɛ mene AWURADE. Na wɔyɛɛ saa.

5Na wɔka kyerɛɛ Misraim hene sɛ ɔman no aguan kɔ. Na Farao ne ne nkoa koma sakrae wɔ ɔman no ho, na wose: Ɛdɛn na yɛayɛ yi, sɛ yɛama Israel agyae yɛn som kɔ yi?

6Na osiesiee ne teaseɛnam, na ɔfaa ne man kaa ne ho,

7na ɔfaa nteaseɛnam a wɔapaw ahansia ne Misraim nteaseɛnam nyinaa ne nteaseɛnam no nyinaa so asahene.

8Eks 13.9 Na AWURADE pirim Misraim hene Farao koma ma otiw Israelfo no, efisɛ Israelfo no nam nsa a ɛyɛ den so na efi kɔe.

9Na Misraimfo tiw wɔn, Farao nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa ne n'apɔnkɔsotefo ne ne dɔm no, na wɔbɛtoo wɔn sɛ wɔabɔ nsra wɔ po no ano a ɛkyerɛ Pihahirot wɔ Baalsefon anim.

10Na Farao bɛnee no, Israelfo no momaa wɔn ani so, na hwɛ, Misraimfo di wɔn akyi reba. Na Israelfo no suroe pii, na wosu frɛɛ AWURADE.

11Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: So adamoa a enni Misraim nti na woafa yɛn aba ha sɛ yemmewuwu sare so yi? Ɛdɛn nti na woyɛɛ yɛn sɛɛ, sɛ wuyii yɛn fii Misraim bae yi?

12Ɛno ɛnyɛ asɛm a yɛkaa wo wɔ Misraim sɛ: Gyae ma yɛnsom Misraim, no ni? Efisɛ eye ma yɛn mmom sɛ anka yɛsom Misraim sen sɛ yɛrebewuwu sare so yi.

13Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Munnsuro, munnyina pintinn, na monhwɛ AWURADE nkwagye a ɔde rebɛkyerɛ mo nnɛ, na Misraimfo a muhu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn da biara da bio.

14Deut 1.30; 2 Be 20.15; Yes 30.15 AWURADE bɛko ama mo, na mo de, monyɛ komm!

15Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɛdɛn na wusu frɛ me? Ka kyerɛ Israelfo ma wonsim.

16Na wo de, ma wo poma no so, na teɛ wo nsa ɛpo no so, na bae mu, na Israelfo no nnantew asase kesee so mfa po no mfinimfini.

17Eks 14.4 Na me de, hwɛ, mepirim Misraimfo koma, na wɔabedi wɔn akyi, na mɛhyɛ m'anim nyam wɔ Farao ne ne dɔm nyinaa, ne nteaseɛnam ne n'apɔnkɔfo no so,

18na Misraimfo no ahu sɛ mene AWURADE sɛ mahyɛ m'anim nyam wɔ Farao ne ne nteaseɛnam ne n'apɔnkɔfo no so.

19 Eks 13.21 Ɛnna Onyankopɔn bɔfo a odi Israel dɔm anim no twee ne ho bedii wɔn akyi, na omununkum dum no fii wɔn anim begyinaa wɔn akyi,

20na ebefii Misraim dɔm ne Israel dɔm no ntam, na ɛyɛ omununkum ne sum, nanso ɛma hann anadwo, na amma eyinom antumi ammɛn eyinom anadwo no nyinaa.

21Na Mose teɛɛ ne nsa ɛpo no so. Na AWURADE de apuei mframa dennen maa ɛpo no kɔe anadwo no nyinaa, na ɔdan po no ma ɛyɛɛ asase kesee, na nsu no mu bae.

22Yos 4.23; Yes 11.15-16; 1 Ko 10.1; Heb 11.29 Na Israelfo no nam asase kesee so faa ɛpo no mfinimfini, na nsu no yɛɛ wɔn ɔfasu wɔn nifa ne wɔn benkum.

23 Eks 15.19 Na Misraimfo no tiw wɔn, na wodii wɔn akyi kɔɔ ɛpo no mfinimfini, Farao apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ne n'apɔnkɔfo nyinaa.

24Nnw 34.16; 104.32 Na anɔpa srabere mu no, AWURADE faa ogya ne mununkum dum no mu hwɛɛ Misraim dɔm no, na ɔmaa Misraim dɔm no ho yeraw wɔn,

25Eks 14.14; Nnw 64.9 na ohunhuan wɔn nteaseɛnam anan maa ne nantew mu yɛɛ duru. Na Misraimfo no se: Momma yenguan wɔ Israel anim, efisɛ AWURADE reko tia Misraim ama wɔn.

26Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Teɛ wo nsa ɛpo no so, na nsu no nsan mmra Misraimfo ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔfo no so.

27Ɛnna Mose teɛɛ ne nsa ɛpo no so, na ade rekye anɔpa no, ɛpo no san n'akyi bɛsenee sɛnea ɛte, na Misraimfo no guan behyiae; na AWURADE kaa wɔn guu po no mfinimfini.

28Na nsu no san akyiri bɛkataa Farao dɔm nyinaa, nteaseɛnam ne apɔnkɔfo a wotiw wɔn baa ɛpo no mu no so; wɔn mu biako mpo anka.

29Eks 14.22 Na Israelfo no nam asase kesee so faa ɛpo no mfinimfini, na nsu no yɛɛ wɔn ɔfasu wɔn nifa ne wɔn benkum.

30Na AWURADE gyee Israel nkwa da no fii Misraim nsam, na Israel huu Misraimfo no sɛ wɔawuwu gu po no ano.

31Eks 19.9; 2 Be 20.20 Na Israel huu nsa kɛse a AWURADE de kyerɛɛ Misraim so no, na ɔman no suroo AWURADE, na wogyee AWURADE ne n'akoa Mose dii.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help