1Na Israelfo no too ahyirade no ho mmara, na Serah ba Sabdi Karmi ba Akan a ofi Yuda abusuakuw mu no faa emu bi, AWURADE bo fuw Israelfo
2Na Yosua somaa mmarima bi fi Yeriko kɔɔ Ai a ɛwɔ Bet-awen ho, Betel apuei, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔsra asase no. Na mmarima no kɔe kɔsraa Ai.
3Na wɔsan baa Yosua nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Mma ɔman no nyinaa mmforo nnkɔ; ma mmarima bɛyɛ sɛ mpennu anaa mpensa nkɔ nkɔbɔ Ai; nhaw ɔman no nyinaa mma wɔnnkɔ hɔ, na wosua.
4Na ɔman no mu bɛyɛ sɛ mpensa foro kɔɔ hɔ, nanso woguan fii Ai mmarima no anim.
5Na Ai mmarima no kunkum wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa asia, na wɔtaa wɔn fii Ai kurow pon no akyi de kɔɔ Sebarim, na wɔbobɔɔ wɔn nsianee no mu. Na ɔman no suroe, na wɔn abasa mu tui.
6Na Yosua sunsuanee ne ntade mu, na ɔde n’anim butuw fam, AWURADE adaka no anim de kosii anwummere, ɔno ne Israel mpanyimfo, na wɔde dɔte guguu wɔn atifi.
7Na Yosua bisaa sɛ: AWURADE Nyankopɔn, ɛdɛn nti na wode ɔman yi twaa Yordan sɛ wode yɛn rebɛhyɛ Amorifo nsa na wɔasɛe yɛn? Yenim a, anka yɛpene tenaa Yordan agya hɔ ara.
8Wo kyɛw ni, Awurade, sɛ Israel adan wɔn akyi akyerɛ wɔn atamfo yi, dɛn na menka?
9 bon de besi nnɛ ara.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
