1 Nnw 45.1 Onyankopɔn, gye me nkwa,
na nsu adu me kra ho.
2Matɔ amoa kuronkuron atɛkyɛ a gyinabea nni hɔ mu,
madu bun a nsu bu kata me so mu.
3Me sufrɛ ama mabrɛ, me menewa mu ayow,
mahwɛ me Nyankopɔn kwan ma m’ani abu.
4 Nnw 35.19; Yoh 15.25 Wɔn a wɔtan me kwa dɔɔso sen me ti so nwi,
m’asɛefo a wɔyɛ m’atamfo atorofo dɔɔso,
nea memfae no, wose mennan memma.
5Onyankopɔn, wunim me nkwaseasɛm,
na me mfomso nhintaw wo ɛ.
6AWURADE, asafo AWURADE,
mma wɔn a wɔtwɛn wo ani nnwu me ho,
Israel Nyankopɔn,
mma wɔn a wɔhwehwɛ wo no anim nngu ase, me nti.
7 Nnw 44.22 Na wo nti na magye ahohora,
na aniwu ahyɛ m’ani so ma.
8 Nnw 38.11; Hiob 19.13 Madan me nuanom mu ɔhɔho,
mayɛ me na mma mu ɔnanani.
9 Yoh 2.17; Rom 15.3 Na wo fi ho mmɔdemmɔ amene me,
na wɔn a wɔbɔ wo ahohora ahohorabɔ aba me so.
10Na me kra suu mmuada mu,
na ɛdan me ahohorabɔ.
11Mede atweaatam meyɛɛ me ntama,
na meyɛɛ wɔn akasabebui.
12 Hiob 30.9 Wɔn a wɔtete kurow pon mu ka me ho asɛm,
na asanomfo de me to dwom.
13 Yes 49.8 Na me de, mebɔ wo, AWURADE, mpae, ɔdom bere mu;
Onyankopɔn, w’adɔe kɛse nti,
fa wo nkwagye nokware gye me so.
14Yi me fi atɛkyɛ mu, na mammem,
ma wonyi me mfi wɔn a wokyi me nsam ne abun mu.
15Mma asu a ayiri no mmfa me,
na mma ebun mmmene me,
na mma amoa nnka me nnhyɛ mu mmmua n’ano.
16AWURADE, gye me so, na w’adɔe ye,
dan w’ani kyerɛ me, sɛ wo mmɔborohunu bebree no te.
17Na nyi w’ani nhintaw w’akoa,
na me ho hia me, gye me so ntɛm.
18Twiw bɛn me kra, na begye no,
m’atamfo nti gye me.
19Wunim m’ahohora ne m’aniwu ne me nsopa,
w’ani tua m’ahohiafo nyinaa.
20 Kwa 1.2, 9 Ahohora apɛtɛw me koma, na abɔ me yare,
na mehwɛ nea ɔrebɛma me due kwan a, obi mma,
mehwehwɛ awerɛkyekyefo a, minhu bi.
21 Mat 27.34, 48 Wɔde bɔnwoma yɛɛ m’aduan,
na me sukɔm mu wɔmaa me nsa nyinyanyinya sɛ mennom.
22 Rom 11.9-10 Ma wɔn pon a esi wɔn anim nnan sɛ apa,
na wodi yiye a, ma ɛnyɛ afiri mma wɔn.
23Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu, na wɔanhu ade,
na ma wɔn sisi mpopo daa,
24ma w’ani mmere wɔn so,
na w’awerɛhow ne w’abufuw nka wɔn.
25 Aso 1.20 Ma wɔn tenabea nnan amamfo,
na obiara nntena wɔn ntamadan mu.
26 Yes 53.4 Efisɛ wɔtaa nea wo ara woabɔ no no,
na wɔka wɔn a woapira wɔn no yaw kyerɛ.
27 Rom 1.24 Ma amumɔyɛ mmɔ wɔn amumɔyɛ so,
na mma wɔmmma wo trenee mu.
28 Luka 10.20 Ma wonyi wɔn mfi ateasefo nhoma mu,
na mma wɔnnkyerɛw wɔne treneefo din mmmom.
29Na me de, meyɛ ɔmanehunufo ne ɔwerɛhowni,
Onyankopɔn, ma wo nkwagye mma me so.
30Mede dwonto meyi Nyankopɔn din ayɛ,
na mede aseda makamfo no.
31 Nnw 50.8-14 Na ɛbɛsɔ AWURADE ani yiye
asen nantwinini a ɔwɔ mmɛn na ne tɔte mu apae.
32 Nnw 22.26 Ahobrɛasefo hu a, wɔn ani begye;
mo a mohwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan,
mo koma nnya nkwa.
33Na AWURADE tie ahiafo,
na ɔnto n’apokyerɛfo ho mpe.
34Ma ɔsoro ne asase nyi no ayɛ,
ɛpo ne nea ɛkeka ne ho wɔ mu nyinaa.
35Na Onyankopɔn begye Sion
na wakyekye Yuda nkurow,
na wɔatena mu, na ayɛ wɔn dea.
36Na ne nkoa asefo benya adi,
na wɔn a wɔpɛ ne din no atena mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.