Yesaia 24 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Asase ho atemmusɛm

1Hwɛ, AWURADE bɛsɛe asase ama ada mpan,

na wadan ani abutuw, na wabɔ ɛsofo apete,

2na sɛnea ɛbɛyɛ ɔman no, sɛ ɛbɛyɛ ɔsɔfo ara nen,

sɛ ɛbɛyɛ akoa no, saa ara na ɛbɛyɛ ne wura,

na sɛ ɛbɛyɛ afenaa no, sɛ ɛbɛyɛ n’awuraa ara nen,

na ɛbɛyɛ ɔtɔfo sɛ ɔtɔnfo, ne ɔdefirifo sɛ ɔdefɛmfo pɛ,

na nea ɛbɛyɛ ɔkafo no,

sɛ ɛbɛyɛ ɔkafoni ne no.

3Wɔbɛsɛe asase pasaa, na wɔafow no pasaa,

efisɛ AWURADE na waka asɛm yi.

4Asase abotow na akisa,

asase asɛe, na akisa,

na ɔsoro ne asase so anuonyamfo asɛe.

5Asase ho akum

wɔ ɛsotefo ase,

efisɛ wɔatiatia mmara no so,

wɔasakra ahyɛde no

na wɔato daa apam no.

6Enti na nnome amene asase,

na ɛsotefo hu amane wɔn bɔne nti;

enti na asase sofo ahyew,

na aka so nnipa ketewaa bi.

7 Yoel 1.12 Nsamono twa adwo,

obobe asɛe;

wɔn a wɔn koma tɔɔ wɔn yam nyinaa si apini;

8 Yer 7.34; 16.9 Mpintin ho ahurusidi agyae,

ahosɛpɛwfo hooyɛ to atwa,

ɔsanku ho ahurusidi agyae;

9wɔmfa dwonto nnom nsa,

nsa yɛ ne nomfo nwene.

10Wɔaburuw sakasaka kurow no,

wɔatoto afi nyinaa mu mma obi nkɔ mu.

11Wosu bobesa kɔm mmorɔn so,

anigye nyinaa agu,

asase so ahurusidi atu kɔ.

12Nea aka kurow mu ne ɔsɛe,

wɔabubu kurow apon pasaa.

13 Yes 17.6 Na saa na ɛbɛba asase no so,

aman no mu,

sɛ ngodua porow,

sɛ bobe abatew akyi mpɛpɛwadi.

14Wɔn de, wɔde anigye bɛma wɔn nne so ato dwom.

AWURADE kɛseyɛ nti wɔde ahosɛpɛw bɛteɛm afi atɔe fam.

15Enti monhyɛ AWURADE anuonyam wɔ apuei fam,

ne mpoano asase so monkamfo AWURADE, Israel Nyankopɔn, din.

16Yɛte ayeyi nnwom a efi asase ano sɛ:

Anuonyam nka ɔtreneeni no.

Na mise: Meresa, meresa, minnue!

Atorofo retwa atoro,

ampa ara atorofo

retwa atoro pii.

17Ehu ne oku ne afiri

da hɔ ma wo a wote asase so;

18 Yer 48.43-44; Amos 5.19 na nea oguan fi ehu nkate ho no

kɔtɔ oku mu,

na nea waforo afi oku no mu no,

wɔde afiri yi no.

Na wohiɛhiɛ soro mfɛnsere

ma asase nnyinaso wosowosow.

19 2 Pe 3.10 Oburuw na asase buruw pasaa,

ɔpae na asase pae,

ɔpopo na asase popo.

20 Yes 19.14 Asase tɔ ntintan sɛ ɔsabofo,

na ehinhim sɛ asesewa bi

na ne mmarato ayɛ no so duru,

na ɛhwe ase a ɛrensɔre bio.

21 Adi 19.18-21 Ɛda no, AWURADE bɛtwe

ɔsoro dɔm aso, ɔsoro,

ne fam ahene aso, ɛfam.

22Wɔbɛboaboa wɔn ano

sɛ wɔboaboa nneduafo ano amoa mu

na wɔato wɔn mu, nneduadan mu,

na nna bebree akyi no, wɔatwe wɔn aso.

23 Yes 60.19-20; Adi 21.23 Na ɔsram ani bedum,

na owia anim agu ase,

efisɛ asafo AWURADE di hene

Sion bepɔw so ne Yerusalem,

ne ne mpanyimfo anim anuonyam mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help