1Yuda mma ne: Peres, Hesron ne Karmi ne Hur ne Sobal.
2Na Sobal ba Reaia woo Yahat, na Yahat woo Ahumai ne Lahad, eyinom ne Sorafo mmusua.
3Na eyinom ne Etam agya de: Yesreel ne Yisma ne Yidbas, na wɔn nua din de Haslelponi;
4 agya, efisɛ wɔyɛ adwumfo.
15Num 13.6; 14.6 Na Yefune ba Kaleb mma ne: Iru, Ela ne Naam; na Ela mma ne: Kenas.
16Na Yehalelel mma ne: Sif ne Sifa, Tiria ne Asarel.
17Na Esra mma ne: Yeter ne Mered ne Efer ne Yalon; na ɔwoo Miriam ne Samai ne Yisba a ɔyɛ Estemoa n’agya.
18Na ne yere a ɔyɛ Yudani woo Yered a ɔyɛ Gedor n’agya, ne Heber a ɔyɛ Soko n’agya, ne Yekutiel a ɔyɛ Sanoa n’agya; na eyinom ne Farao babea Bitia a Mered waree no no mma.
19Na Hodia yere a ɔyɛ Naham ne nuabea mma ne: Garmini Keila n’agya ne Maakatni Estemoa n’agya.
20Na Simon mma ne: Amnon ne Rina, Ben-hanan ne Tilon. Na Yisi mma ne: Sohet ne Ben-sohet.
211 Be 2.3 Yuda ba Sela mma ni: Er a ɔyɛ Leka n’agya, ne Laada a ɔyɛ Maresa n’agya, ne Bet-asbea nwera ho adwumayɛfo fi mmusua no,
22ne Yokim ne Koseba mmarima ne Yoas ne Saraf a wɔyɛ ofiwuranom, Moab ne Yasubi-lahem. (Nso nsɛm no yɛ adedaw.)
23Wɔn ne nkukunwemfo ne wɔn a wɔte Netaim ne Gedera wɔ ɔhene nkyɛn, n’adwuma mu hɔ na wɔte.
Simeon asefo24 Gye 46.10 Simeon mma ne: Nemuel ne Yamin, Yarib, Serah ne Saul;
25ne ba Salum, ne ba Mibsam, ne ba Misma.
26Na Misma mma ne: Ne ba Hamuel, ne ba Sakur, ne ba Simei.
27Na Simei wɔ mmammarima dunsia ne mmabea baasia; nso ne nuanom annya mma bebree, na wɔn abusua nyinaa ase amfɛe sɛ Yuda mma.
28Yos 19.2-8 Na wɔtenaa Beer-seba ne Molada ne Hasar-sual,
29ne Bilha ne Esem ne Tolad,
30ne Betuel ne Horma ne Siklag,
31ne Bet-markabot ne Hasar-susim ne Bet-biri ne Saaraim. Eyinom ne wɔn nkurow beduu Dawid ahenni so.
32Na wɔn nkuraa ne Etam ne Ain, Rimon ne Token ne Asan: Nkurow anum;
33ne wɔn nkuraa a ɛwowɔ nkurow yi ho nyinaa de kosii Baal. Eyi ne wɔn tenabea horow ne wɔn mmusua nkanee.
34Na Mesobab ne Yamlek ne Amasia ba Yosa,
35ne Yoel ne Asiel ba Seraia ba Yosibia ba Yehu,
36ne Elioenai ne Yaakoba ne Yesohaia ne Asaia ne Adiel ne Yesimiel ne Benaia,
37ne Semaia ba, Simri ba, Yedaia ba, Alon ba, Sifi ba Sisa,
38eyinom a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ wɔn mmusua mu mmapɔmma, na wɔn mpanyimfi trɛwee pii.
39Na wosiim kɔɔ nea wɔnam kɔ Gedor, obon no apuei fam sɛ wɔkɔhwehwɛ adidibea ama wɔn nguan.
40Ate 18.7 Na wohuu adidibea frɔmfrɔm a eye, na asase no mu trɛw haharaa, na ɛso dwo komm; na wɔn a wɔtete hɔ kan no fi Ham.
412 Ah 18.1 Ɛnna eyinom a wɔakyerɛw wɔn din no kɔe, Yuda hene Hesekia bere so, kɔtoaa Maonfo a wohuu wɔn wɔ hɔ no ne wɔn ntamadan, na wokunkum wɔn pasaa de besii nnɛ, na wɔtenatenaa wɔn afa hɔ, efisɛ adidibea wɔ hɔ ma wɔn nguan.
42Na Simeon mma no ara mu mmarima ahanum fii wɔn mu siim kɔɔ Seir bepɔw so, na Pelatia ne Nearia ne Refaia ne Usiel a wɔyɛ Yisi mma di wɔn ti.
431 Sa 15.3, 8 Na wokokunkum Amalek aguanfo no nkae, na wɔtenaa hɔ de besii nnɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.