Hesekiel 9 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Yerusalem di nkogu

1Na ɔde nne kɛse teɛɛm m’asom sɛ: Ma kurow no so ahwɛfo ntwiw mmɛn, na obiara mfa n’akode a ɔde sɛe ade nkura ne nsam.

2Hes 10.2; Dan 10.5 Na hwɛ, mmarima baasia fi atifi ponkɛse a ɛkyerɛ atifi fam kwan no so reba, na wɔn dwerɛw nnade kurakura wɔn nsam, na ɔbarima biako wɔ wɔn mu a ɔhyɛ nwera, na ɔkyerɛwfo toaa bɔ n’asen, na wɔbaa mu begyinaa kɔbere afɔremuka no ho.

3 Hes 1.4-28 Na Israel Nyankopɔn anuonyam no fii Kerub a ɛwɔ so no so baa ɔdan no pon ano, na ɔfrɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera a ɔkyerɛwfo toaa bɔ n’asen no,

4Adi 7.3; 2 Pe 2.8 na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sen fa kurow no mu, Yerusalem mu, na hyɛ mmarima a wosisi apini di akyide a wɔyɛ wɔ mu no so nkɔmmɔ no nyinaa moma so agyirae.

5Na wɔn a wɔaka no, ɔka kyerɛɛ wɔn m’asom sɛ: Munkodi n’akyi mfa kurow no mu, na munkunkum; mommma mo aniwa nnkyɛe so, na munnhu mmɔbɔ.

61 Pe 4.17; Yer 25.29 Nkwakoraa, mmerante ne mmabaa ne mmofra ne mmea, munkum wɔn nsɛe wɔn; na obiara a wɔahyɛ no agyirae no de, monnka no; na me kronkronbea hɔ na mumfi ase. Ɛnna wofii ase, mpanyimfo a wɔwɔ ofi no anim no so.

7Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munhura ofi no ho, na momfa atɔfo nhyehyɛ abangua no so amaama; mumfi adi! Na wofii adi kokunkumii kurow no mu.

8Hes 11.13 Na wokunkumii no, ɛkaa me nko; na mede m’anim mibutuw fam, na meteɛɛm sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, so woresɛe Israel nkae no nyinaa, w’abufuhyew a wuhwie gu Yerusalem so no mu anaa?

9 Hes 8.12 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Israel ne Yuda fi amumɔyɛ so kɛse pa ara, na mogya ayɛ asase no so ma, na asɛm anidan ayɛ kurow no ma; na wɔka sɛ: AWURADE agyaw asase no, na AWURADE nhu.

10Enti me nso m’aniwa renkyɛe so, na merenhu mmɔbɔ; mede wɔn kwan mebua wɔn atifi.

11Na hwɛ, ɔbarima a ɔhyɛ nwera a ɔkyerɛwfo toaa bɔ n’asen no de asɛm san bae sɛ: Mayɛ sɛnea wohyɛɛ me no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help