Marko 13 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Asɔrefi no ho nkɔmhyɛ(Mateo 24; Luka 21.5-36)

1Na ɔrefi asɔrefi hɔ no, n’asuafo no mu biako see no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, hwɛ abo bi ne aban bi!

2Na Yesu see no sɛ: Woahu adan akɛse yi? Wɔrennyaw, ɔbo a ɛda ɔbo so a wɔrennwiriw ngu fam.

Nneɛma a ebedi akyiri

3Na ɔte Ngo Bepɔw so asɔrefi ntentenso no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea bisaa no wɔ nkyɛn sɛ:

4Kyerɛ yɛn bere ko a eyinom bɛyɛ hɔ, na eyinom nyinaa rebɛbam a, ɛho sɛnkyerɛnne ne dɛn?

5Na Yesu fii ase ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ na obi annaadaa mo.

6Nnipa bebree bɛba me din mu abɛka sɛ: Mene no, na wɔabɛdaadaa nnipa pii.

7Na sɛ mote ɔko ne akosɛm a, mommma mo koma nntutu! Na etwa sɛ ɛba, nanso na awiei no nnya nnui.

8Na ɔman bɛsɔre ɔman so, na ahenni asɔre ahenni so, na asasewosow bɛba mmeaemmeae, na ɔkɔm bɛba. Eyinom ne awoko yaw mfiase.

Ɔtaa ne asɛmpa no ka(Mateo 10.17-22; Luka 21.12-17)

9 Na mo de, monhwɛ mo ho so yiye! Na wobeyi mo ama mpanyimfo bagua, na wɔahwe mo hyia adan mu, na me nti wɔde mo begyina amradofo ne ahemfo anim na moadi adanse akyerɛ wɔn.

10Akyiwade a ɛbɔ ɔman

14

18 Na mommɔ mpae, na amma awɔw bere mu.

19

21 Na ɛno na sɛ obi se mo sɛ: Hwɛ, Kristo no wɔ ha! Anaasɛ: Hwɛ, ɔwɔ hɔ a, munnnye nnni!

22Na Kristo atorofo ne atoro adiyifo bɛsɔre, na wɔabɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, na sɛ ebetumi a, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.

23Na mo de, monhwɛ yiye, efisɛ madi kan aka ne nyinaa akyerɛ mo dedaw.

Onipa ba no ba

24 Na nna no mu ahohiahia no akyi no,

owia beduru sum

na ɔsram renhyerɛn,

25 na ɔsoro nsoromma betutu ahwe fam,

na ɔsoro ahoɔden awosow.

26 Na ɛno na wobehu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi kɛse ne anuonyam reba omununkum mu.

27

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help