1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
2Eks 25.31-40 Ka kyerɛ Aaron sɛ Wode akanea no sisi akaneadua no so a, akanea ason no nnɛw wɔ so nkyerɛ anim.
3Na Aaron yɛɛ saa: ɔde akanea no sisii kaneadua no so kyerɛɛ anim, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.
4Na eyi ne kaneadua no yɛbea: Ɛyɛ sika a wɔaboro; efi n'ase kosi ne nhwiren so, ɛyɛ sika a wɔaboro ara nko; sɛ nhwɛso a AWURADE de kyerɛɛ Mose no te no, saa ara na ɔyɛɛ kaneadua no.
Lewifo dwira5Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ
6Mal 3.3 Yi Lewifo fi Israelfo mu, na dwira wɔn.
7Deut 5.17; 19.9, 17; Lew 14.8 Na sɛnea dwira wɔn ni: Fa bɔneyi nsu pete wɔn so, na wɔmfa oyiwan nyiyi wɔn ho nyinaa, na wɔnhoro wɔn ntade, na wɔmfa ntew wɔn ho.
8Na wɔmfa nantwinini ne ɛho aduan afɔre, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw; na fa nantwinini foforo nso a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre.
9Na fa Lewifo no bra ahyiae ntamadan no ano, na ma Israelfo asafo mu no nyinaa mmɛbɔ gua;
10na fa Lewifo no bra AWURADE anim, na Israelfo no mfa wɔn nsa ngu Lewifo no so:
11Num 8.21 na Aaron nhim Lewifo no, AWURADE anim, sɛ ohim afɔre a efi Israelfo nsam, na wɔntena ase nyɛ AWURADE som adwuma.
12Na Lewifo no mfa wɔn nsa ngu anantwi no atifi, na fa biako bɔ bɔne ho afɔre, na fa biako nso bɔ AWURADE hyew afɔre, na pata ma Lewifo no.
13Na fa Lewifo no gyina Aaron ne ne mma no anim, na him wɔn yɛ ohim afɔre ma AWURADE.
14 Num 3.45 Na tew Lewifo no fi Israelfo mu, na Lewifo no mmɛyɛ me de.
15Ɛno akyi ansa na Lewifo no mmra mmɛsom ahyiae ntamadan no ho. Na tew wɔn ho, na him wɔn yɛ ohim afɔre,
16Deut 3.12 efisɛ ɔma na wɔde wɔn ama me afi Israelfo mu; mede wɔn masi ade a ebue yafunu ano nyinaa, Israelfo mu mmakan nyinaa, ananmu mafa.
17Eks 13.2 Na Israelfo mu mmakan nyinaa, nnipa mu oo, afieboa mu oo, wɔyɛ me dea: da a mebobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa no na meyɛɛ wɔn kronkron mefae;
18na mafa Lewifo no masi Israelfo mu mmakan nyinaa ananmu;
19Deut 3.9 na mede Lewifo no mama Aaron ne ne mma sɛ akyɛde afi Israelfo mu sɛ wɔnyɛ Israelfo adwuma, ahyiae ntamadan no mu, na wɔmpata mma Israelfo, na Israelfo no rebɛn kronkronbea hɔ a, ɔhaw bi amma wɔn so.
20Na Mose ne Aaron ne Israelfo asafo mu no nyinaa yɛɛ Lewifo no sa; sɛ AWURADE hyɛɛ Mose maa Lewifo no nyinaa no, saa na Israelfo no yɛɛ wɔn.
21Deut 8.11 Na Lewifo no yii wɔn ho bɔne, na wɔhoroo wɔn ntade, na Aaron him wɔn sɛ ohim afɔre, AWURADE anim, na Aaron pata maa wɔn de dwiraa wɔn ho.
22Ɛno akyi na Lewifo no bae bɛyɛɛ wɔn som adwuma ahyiae ntamadan no mu, Aaron ne ne mma no anim; sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose, Lewifo no ho no, saa na wɔyɛɛ wɔn.
23Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ
24Deut 4.3, 23, 30, 47 Eyi nkɔma Lewifo no: Wɔn a wɔadi mfirihyia aduonu anum ne akyiri no mmra mmɛyɛ ahyiae ntamadan no ho som mu adwuma no.
25Na wɔn a wɔadi mfe aduonum no mfi adwuma no mu, na wɔnnyɛ bio.
26Nanso wonni mmoa wɔn nuanom no, ahyiae ntamadan no mu, nkura ɛsohwɛ no mu bi, na ɔsom adwuma no na wɔnnyɛ. Saa na hyehyɛ Lewifo no, wɔn asɛde no ho.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.