2 Petro NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(RATB)
NHYƐNMUWɔkyerɛwee Petro nhoma a ɛtɔ so abien no kɔmaa Akristofo a na wɔdɔɔso a wodii kan no. Ne botae titiriw pa ara ne sɛ ɔbɛko atia atoro nkyerɛkyerɛ ne abrabɔ bɔne a efi mu ba no. Wohunu amane yi ho mmuae wɔ kura a wɔbekura Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nokware nimdeɛ mu. Ɛno ne nea wɔate afi nnipa bi a wɔn ankasa hui na wɔtiee Yesu anom nkyerɛkyerɛ no. Ade titiriw a ɛhaw ɔkyerɛwfo no ne sɛ, ebinom kyerɛkyerɛ sɛ Yesu rensan mma bio. Ɔka se nea ɛda adi pefee wɔ kyɛ a Kristo akyɛ wɔ ne mmae ho ne sɛ, “Onyankopɔn mpɛ sɛ onipa biara bɛsɛe na mmom ɔpɛ sɛ obiara sakra fi ne bɔne ho.”EMU NSƐMMfitiase no nkyerɛkyerɛmu 1.1-2Kristoni frɛ no 1.3-21Akyerɛkyerɛfo atorofo 2.1-22Yesu mmae a edi awiei 3.1-18