Mika 4 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Wiase bɛdan asomdwoe ahenni(Yesaia 2.2-4)

1 Yes 2.2-4 Na nna a edi akyiri no mu no,

AWURADE fi bepɔw no

betim hɔ mmepɔw atifi,

na wɔama so asen nkoko nyinaa,

na aman asen yuu aba so.

2 Luka 24.47 Na amanaman pii bɛkɔ akɔka sɛ:

Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔw so

nkɔ Yakob Nyankopɔn fi,

na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan,

na yɛnnantew n’atempɔn so;

na Sion na mmara befi,

na AWURADE asɛm afi Yerusalem.

3Na obebu aman pii mu atɛn,

na waka aman akɛse a ɛwɔ akyirikyiri no anim,

na wɔde wɔn mfoa abobɔ nsɔw,

na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare;

ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi,

na wɔrensua akodi bio.

4 1 Ah 4.25; Sak 3.10 Na wɔbɛtenatena wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase,

na obi bi renyi wɔn hu,

efisɛ asafo AWURADE ankasa na aka.

5Na aman no mu biara

nantew ne nyame din mu,

na yɛn de, yɛbɛnantew AWURADE yɛn Nyankopɔn din mu

de akosi daadaa.

Israel anoboa ne anuonyam

6 Yer 31.8 Ɛda no, AWURADE asɛm ni,

mɛboa asiifo no ano,

na wɔn a wɔapam wɔn no,

mɛma wɔaba,

ne wɔn a me ne wɔn adi no bɔne no.

7Na mɛma asiifo no ayɛ nkae,

na wɔn a wɔapam wɔn kɔ akyirikyiri no

ayɛ ɔman kɛse;

na AWURADE bedi wɔn so hene

Sion bepɔw so afi nnɛ de akosi daa.

8 Gye 35.21 Na wo, Sion babea koko,

woayɛ sɛ nguanhwɛ abantenten wo hɔ,

na kan tumidi no bɛba abedu,

Yerusalem babea ahenni no bɛba abedu.

9 Yer 8.19 Afei, ɛdɛn nti na woteɛm dennen?

So ɔhene bi nni wo mu,

anaasɛ wo fotufo no ayera,

na awoko aka wo sɛ ɔwofo yi?

10Sion babea, ko awo,

kyem sɛ ɔwofo,

na afei wubefi adi afi kurow no mu akɔtena wuram,

na woakɔtena Babel tɔnn; ɛhɔ na wobeyi wo,

ɛhɔ na AWURADE bɛpɔn wo afi w’atamfo nsam.

11Na afei amanaman pii aboa wɔn ho ano ahyɛ wo,

na wɔka sɛ: Ma Sion ho nhura,

na yɛmfa yɛn ani nhwɛ n’animguase no.

12Na wɔn de, wonnim AWURADE adwene

na wonhu n’agyinatu mu;

sɛ waboaboa wɔn ano

sɛ awiporowbea afiafi.

13Sɔre, porow,

O Sion babea, na mɛyɛ wo dade mmɛn,

na mayɛ wo ntɔte kɔbere,

na wode adwerɛw aman pii dukuduku,

na mehyira wɔn ahonyade so

mama AWURADE, ne wɔn ade dodow

so mama asase nyinaa wura no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help