1Sɛ mede nnipa ne abɔfo tɛkrɛma mekasa, na minni dɔ a, na mete sɛ ayowa a egyigye anaa akasae a ɛrewosow.
2Mat 7.22; 17.20 Na sɛ mewɔ adiyi asɛnka, na minim ahintasɛm nyinaa, ne nimdeɛ nyinaa, na mewɔ gyidi nyinaa ma mitutu mmepɔw mpo, na minni dɔ a, mensɛ hwee.
3Mat 6.2 Na sɛ meporow m’ahode nyinaa mema ahiafo, na mede me nipadua mema sɛ wɔnhyew, na minni dɔ a, merennya ho mfaso biara.
4Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre, ne yam ye; ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw; ɔdɔ nyɛ ahokyerɛ, ɛmmema ne ho so,
5Flp 2.4; 2.21 ɛnyɛ ne ho sɛnea ɛmfata, ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ ɔno nko ara de, ne bo nhaw no, ɛmfa bɔne nhyɛ ne yam,
6Rom 12.9 n’ani nnye nea ɛnteɛ ho, na mmom edi ahurusi wɔ nokware mu.
7Mmb 10.12; Rom 15.1 Etie ade nyinaa, egye ade nyinaa di, enya ade nyinaa mu anidaso, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu.
8Ɔdɔ to ntwa da. Nkɔmhyɛ de, wobegu; ɔkasa horow de, ebegyae; nimdeɛ de, ɛbɛsa.
9Na yehu ade fa-ne-fa, na yɛhyɛ nkɔm fa-ne-fa.
10Na sɛ nea ɛwie pɛyɛ no nya ba a, ɛno na wobegu nea ɛyɛ fa-ne-fa no.
11Meyɛ abofra no, mekasae sɛ abofra, medwenee sɛ abofra, metee asɛm ase sɛ abofra; na meyɛɛ ɔpanyin yi, magyae mmofraasɛm no.
122 Ko 5.7 Na sesɛɛ de, yɛnam ahwehwɛ so hu ade wɔ bɛ mu, na ɛno mu de, anim ne anim; sesɛɛ de, mihu ade fa-ne-fa, na ɛno mu de, mehu ade mua sɛnea wɔahu me nso yi.
131 Te 1.3; 1 Yoh 4.16 Na afei gyidi, anidaso, ɔdɔ, ade abiɛsa yi na ɛtena hɔ; na ɔdɔ ne emu kɛse.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
