Romafo 6 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Kristo mu ayɔnkofa kum bɔne

1 Rom 3.5-8 Enti afei yebeka dɛn? Yɛntena bɔne mu na ɔdom no nnɔɔso anaa?

2Dabida, yɛn a yewu maa bɔne no, ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛkɔ so atena ase wɔ mu?

3Gal 3.27 Anaasɛ munnim sɛ yɛn mu dodow a wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ ne wu mu anaa?

41 Pe 3.21; Kol 2.12 Enti wɔnam owu mu asubɔ so asie yɛne no sɛ, sɛnea wɔnam Agya no anuonyam so nyan Kristo fii awufo mu no, saa ara na yɛn nso nnantew nkwa foforo mu.

5Flp 3.10-11Na sɛ wɔatɛw yɛn ne no wɔ ne wu mu a, ɛnne yɛnam ne wusɔre no so ne no bɛbom afifi.

6Gal 5.24 Na yenim eyi sɛ wɔabɔ yɛn nipa dedaw ne no asɛnnua mu, sɛ bɔne no nipadua nwu, na yɛansom bɔne bio;

7efisɛ nea wawu no, wɔabu no bem afi bɔne ho.

8Rom 6.4 Na sɛ yɛne Kristo awu a, yegye di sɛ yɛne no bɛtena ase nso,

9na yenim sɛ Kristo a wonyan no fii awufo mu no renwu bio; owu renni no so bio.

10Heb 9.26-28 Na nea owui no, owu maa bɔne prɛko, na nea ɔte ase no, ɔte ase ma Onyankopɔn.

112 Ko 5.15; 1 Pe 2.24 Saa ara na mo nso mummu mo ho sɛ moawu ama bɔne, na mote ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu.

12 Gye 4.7 Enti mommma bɔne nnni mo nipadua a ebewu no mu hene, sɛ mubetie no n’akɔnnɔ mu;

13Rom 12.1 nso mommfa mo honam akwaa mmma bɔne sɛ amumɔyɛ akode, na mmom momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ wɔn a wofi awufo mu te ase, na momfa mo honam akwaa mma Onyankopɔn sɛ trenee akode.

141 Yoh 3.6 Na bɔne renni mo so, efisɛ munni mmara ase, na mmom mowɔ adom ase.

Tenenee ho nkoa

15 Rom 5.17; 5.21 Ɛnne na ɛdɛn? Yɛnyɛ bɔne, efisɛ yenni mmara ase, na mmom adom ase anaa? Dabida.

16Yoh 8.34 Munnim sɛ, nea mode mo ho ma no sɛ nkoa a wotie no no, sɛ bɔne a ɛde kɔ owu mu de oo, asoɔmmerɛw a ɛde kɔ trenee mu de oo, ɔno ara a mutie no no na ne nkoa ne mo anaa?

17Na aseda nka Onyankopɔn, sɛ moayɛ bɔne nkoa pɛn, na afei mufi koma mu abrɛ mo aso ase ama nkyerɛkyerɛ sonowonko na wɔde mo ahyɛ mu no.

18Yoh 8.32 Na moade mo ho afi bɔne ho yi, moabɛyɛ trenee nkoa.

19Mo honam mmerɛw nti na merekasa makyerɛ mo nnipa fam. Na sɛnea mode mo honam akwaa mae, de som efi ne mmaratode de kɔɔ mmaratode mu no, saa ara na afei momfa mo honam akwaa mma mfa nsom trenee nkɔ ahotew mu.

20Na bere a moyɛ bɔne nkoa no, na moatwe mo ho afi trenee ho.

21Hes 16.61; 16.63; Rom 8.6; 8.13 Na aba bɛn na saa bere no munya fii nneɛma a afei de, mo ani wu ho no mu? Saa nneɛma no awiei ne owu.

221 Pe 1.9 Na afei woayi mo ho afi bɔne mu na mosom Onyankopɔn yi, mowɔ aba a ɛde kɔ ahotew mu na n’awiei ne daa nkwa.

23Rom 5.12 Na bɔne so akatua ne owu; na Onyankopɔn adom akyɛde ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help