1 1 Ah 5.1-16 Na Solomon se, obesi ofi ama AWURADE din, ne ofi ama n’ahenni.
2Na Solomon kan nnosoasoafo ɔpeduɔsɔn ne bepɔw so abopaefo ɔpeduɔwɔtwe ne wɔn so ahwɛfo mpensa ahansia.
31 Be 14.1 Na Solomon soma kɔɔ Tiro hene Huram nkyɛn sɛ: Sɛnea wo ne m’agya Dawid yɛe na wobrɛɛ no kyeneduru nnua na ɔde sii ne fi tenaa mu no,
4hwɛ, me nso merebesi ofi mama AWURADE me Nyankopɔn din, na ayɛ kronkron ama no, na wɔahyew aduhuam a ɛyɛ huam n’anim, na wɔasiesie Kyerɛ Abodoo daa, na wɔabɔ ɔhyew afɔre daa anɔpa ne anwummere ne home nna ne asram foforo ne AWURADE yɛn Nyankopɔn afahyɛ ase. Eyi ne Israel atɔremude de kosi daa.
5Nnw 86.8 Na ofi a meresi no so, efisɛ yɛn Nyankopɔn no so sen anyame nyinaa.
62 Be 6.18; 1 Ah 8.27 Na hena po na obenya tumi asi ofi ama no? Na ɔsoro ne ɔsoro mu soro rentumi nkora no, na hena ne me, sɛ mesi ofi mama no gye aduhuam a wɔhyew n’anim?
7Na afei soma ɔbarima nyansafo bi brɛ me, na ommedi sika ne dwetɛ ne kɔbere ne dade ne ntama a ɛberedum ne adidi ne bibiri mu adwinni, na onim nnua mu nsamayi nso, na ɔnka adwumfo a wɔwɔ me nkyɛn Yuda ne Yerusalem a m’agya Dawid asiesie wɔn no ho.
8Nanso brɛ me nkyeneduru ne ɔpopaw ne abako nnua fi Lebanon, na minim sɛ wo nkoa nim Lebanon nnua twa, na hwɛ, me nkoa bɛka wo nkoa ho.
9Na wonsiesie nnua pii pa ara mma me, na ofi a merebesi no so na ɛyɛ nwonwa.
10Na hwɛ, nnuapaefo a wotwa nnua no, mɛma wo nkoa no aduan awi susukora ɔpeduonu ne atoko susukora ɔpeduonu ne nsa galɔn ɔpeha ne ngo nso galɔn ɔpeha.
11Ɛnna Tiro hene Huram kae nhoma a ɔde brɛɛ Solomon no mu sɛ: Ɔdɔ a AWURADE dɔ ne man nti na ɔde wo asi wɔn so hene.
12Na Huram kae sɛ: Nhyira ne AWURADE Israel Nyankopɔn a ɔyɛɛ ɔsoro ne asase no, sɛ wama ɔhene Dawid ɔba nyansafo a onim de ne nhumu a obesi ofi ama AWURADE, ne ofi ama n’ahenni.
13Na afei masoma ɔbarima nyansafo a onim nhumu a ɔne Huram-abi.
14Eks 31.2-6 Ɔyɛ ɔbea bi a ofi Dan mmabea mu ba, na n’agya yɛ Tironi. Onim sika ne dwetɛ, kɔbere, dade, abo ne nnua, ntama a ɛberedum, bibiri ne nwera ne adidi mu adwinni, nanso onim nsamaa ahorow nyinaa yi, na obetumi adi adwinni biara a wɔbɛhwehwɛ wɔ ne hɔ, sɛ ɔmmɛka w’anyansadwumfo ne me wura Dawid, w’agya no, anyansadwumfo ho.
15Na afei, awi ne atoko ne ngo ne nsa a me wura kae no, ɔmfa mmrɛ ne nkoa no.
16Na yɛn de, yɛbɛtow nnua afi Lebanon sɛnea ehia wo nyinaa, na yɛde ayɛ ntɛnani de abrɛ wo, Yopa po so, na wo nso wode aforo akɔ Yerusalem.
17Na Solomon kan mmarima ahɔho a wɔwɔ Israel asase so no, ɔkan a n’agya kan wɔn no akyi, na wohuu wɔn sɛ wosi ɔpeha aduonum abiɛsa ne ahansia.
18Yos 9.27 Na ɔyɛɛ wɔn mu ɔpeduɔsɔn nnosoasoafo, ne ɔpeduɔwɔtwe bepɔw so abopaefo, ne mpensa ahansia ahwɛfo, sɛ wɔmma nkurɔfo no nyɛ adwuma.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.