Yeremia 5 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ɔsɛe ne asotwe

1Muntutu mmirika nkyin Yerusalem mmorɔn so,

na monhwɛ ɛ, na munhu,

na monhwehwɛ ne mmɔnten so,

sɛ mubehu onipa bi,

sɛ obi wɔ hɔ a odi asɛntrenee

na ɔhwehwɛ nokware,

na memfa nkyɛ no.

2Ɛwom sɛ wɔka sɛ:

Sɛ AWURADE te ase yi de,

nanso ntanhunu na wɔkeka.

3 Yer 2.30; Yes 48.4 O AWURADE, so w’aniwa nsa nokware?

Wobobɔ wɔn,

na ɛnte wɔn;

wodwɛre wɔn,

wɔpo nteɛso;

wɔahyɛ wɔn ani den sen ɔbotan,

wɔmpɛ sɛ wonu wɔn ho.

4Ɛnna mise: Eyinom yɛ mmɔborɔfo,

nkwaseafo ne wɔn,

efisɛ wonnim AWURADE kwan

ne wɔn Nyankopɔn mmara.

5 Yer 2.20 Ma menkɔ nnipa akɛse no nkyɛn

na menkasa nkyerɛ wɔn,

efisɛ wɔn na wonim AWURADE akwan

ne wɔn Nyankopɔn mmara no.

Nanso wɔn nyinaa abubu kɔndua no

atetew nkyehama no.

6 Lew 26.22 Ne saa nti kwae mu gyata bekum wɔn,

anwea pradada so habɔdɔm bɛsɛe wɔn,

ɔsebɔ rewɛn wɔn nkurow ho.

Obiara a obefi adi no, wɔbɛtetew no asinasin;

efisɛ wɔn mmarato dɔɔso,

na wɔn akyirisan no so.

7Eyi de, ɛbɛyɛ dɛn na mede bɛkyɛ wɔn?

Wo mma agyaw me,

na wɔkeka wɔn a wɔnyɛ anyame ho ntam.

Na mema wɔmee mpo a,

wɔsɛe aware ara,

na wɔbɔ yuu kɔ aguaman fi.

8Wɔte sɛ apɔnkɔnini abran a wɔbɔ anworaman,

wɔbobɔ wɔn mfɛfo yerenom ho mmɔn.

9 Yer 5.29 So merentua eyinom so ka? AWURADE asɛm ni,

anaasɛ merenni were ɔman

a ɛte sɛɛ so anaa?

10 Yer 4.27 Momforo n’afasu na monsɛe no,

nanso monnsɛe no nnwie.

Mompempan n’abaa,

na wɔnyɛ AWURADE dea.

11Efisɛ Israel fi ne Yuda fi atwa me nkontompo,

AWURADE asɛm ni.

12Wɔapa AWURADE akyi,

na wɔka sɛ: Ɛnyɛ ɔno nen;

na bɔne bi remma yɛn so,

na yɛrenhu afoa ne ɔkɔm.

13Na adiyifo no nyɛ hwee sɛ mframa

na asɛm bi nni wɔn anom;

sɛnea ɛbɛyɛ wɔn ne no.

14Enti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn no, se ni:

Esiane sɛ mokaa saa asɛm yi nti,

hwɛ, merema me nsɛm ayɛ ogya w’anom,

na ɔman yi adan nnyina, na ahyew wɔn.

15 Yer 6.22 Hwɛ, mede ɔman bi mifi akyirikyiri mereba mo so,

Israel fi,

AWURADE asɛm ni;

ɔman a wɔyɛ ɔmantease,

ɔman a wofi teteete,

ɔman a wunnim wɔn kasa,

na wonte nea wɔka no ase.

16Wɔn agyan kotoku te sɛ ɔdamoa a ano da hɔ,

wɔn nyinaa yɛ nnɔmmarima.

17Na wobedi wo nnɔbae ne w’aduan

a anka wo mmammarima ne wo mmabea bedi,

na wobedi wo nguan ne w’anantwi,

wobedi wo bobe ne w’aborɔdɔma,

na wɔde afoa abobɔ

wo nkurow a ɛyɛ den a wode wo ho too so no.

18Nanso saa nna no mu nso, AWURADE asɛm ni, merensɛe mo minwie.

19Na sɛ moka sɛ: Ɛdɛn nti na AWURADE yɛn Nyankopɔn ayɛ yɛn saa ade yi nyinaa a? Wobɛka akyerɛ wɔn sɛ: Sɛnea moagyaw me, na moakɔsom amannɔne anyame mo asase so no, saa ara nso na mobɛsom ahɔho, asase bi a ɛnyɛ mo de so.

Nkwaseasɛm ne nnebɔne

20Monka eyi Yakob fi,

na momma wɔnte Yuda sɛ:

21 Yes 6.9-10 Muntie eyi ɛ, ɔman nkwaseafo a wonni ti,

wɔwɔ aniwa, na wonhu ade,

wɔwɔ aso, na wɔnte asɛm.

22 Hiob 38.8-11 So munsuro me? AWURADE asɛm ni;

anaasɛ mo bo ntu m’anim?

Me a mede anwea mitwa po ano hye,

daa ɔhye a entumi ntra;

na sɛ mpo n’asorɔkye bɔ a, entumi no,

na sɛ ehuru sɛ dɛn ara a, entumi ntra.

23Na ɔman yi wɔ atuatew ne asoɔden koma;

wɔtew atua, na wɔkɔ so ara;

24 Aso 14.17 na wɔnka wɔn koma mu sɛ:

Momma yensuro AWURADE, yɛn Nyankopɔn,

na ɔno na ɔma asusow ne adonsu tɔ ne bere mu,

ɔhwɛ twabere adapɛn a wahyɛ no so ma yɛn.

25 Yes 59.2 Mo amumɔyɛ na ama eyinom adan,

na mo bɔne na ama adepa abɔ mo.

26Efisɛ wohu abɔnefo me man mu;

wɔtetɛw sɛ nea nnomaayifo butubutuw;

wosunsum mfiri yiyi nnipa.

27Sɛ nnomaa hyɛ kyerɛnkyɛ ma no,

sɛ nsisi ayeyɛ wɔn afi mu amaama ne no;

enti wɔayɛ akɛse na wɔanya wɔn ho.

28 Eks 22.22; Yes 1.23 Wɔadodɔ srade, wɔn ho ayɛ srasra;

nso wodi nsɛmmɔne tra so;

wommu atɛntrenee,

wonni nyisaa asɛm,

na ama wɔadi yiye; na ahiafo nso,

wommu atɛn mma wɔn.

29 Yer 5.9 So meremmetua eyinom so ka?

AWURADE asɛm ni;

anaasɛ me kra rentɔ ɔman

a ɛte sɛɛ yi so were?

30Ahobowde ne ahodwiriwde

na wɔayɛ no asase no so.

31Adiyifo hyɛ nkɔntoro,

na asɔfo nam wɔn so di wɔn koko so asɛm;

me man nso pɛ no sa,

nanso n’awiei no, mobɛyɛ no dɛn?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help