Mmebusɛm 6 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Akagyinamudi ho kɔkɔbɔ

1 Mmb 11.15; 17.18; 20.16 Me ba, sɛ wugyina wo yɔnko akyi,

sɛ wudi ɔhɔho agyinam,

2sɛ wonam w’anom asɛm so

ama wo ho akyere wo a,

3yɛ eyi mmom, me ba, na yi wo ho,

efisɛ woatɔ wo yɔnko nsam;

kɔ kɔkotow, na srɛ wo yɔnko no.

4Mma nna nnkɔ w’aniwa mu,

na mma w’anisuatɛtɛw nntɔ nnko;

5yi wo ho sɛ adowa fi ne nsam,

sɛ anomaa fi ofirisumfo nsam.

Anihaw ho kɔkɔbɔ

6 Mmb 10.4; 20.4 Ɔkwaadwofo, kɔ ntɛtea nkyɛn,

hwɛ n’akwan, na hu nyansa.

7Ɔno na onni otitiriw,

ɔpanyin ne sodifo,

8nanso osiesie n’aduan ahohurubere,

na ɔboaboa n’adidide ano twabere mu.

9Wobɛda akosi da bɛn, ɔkwaadwofo?

Bere bɛn na wobɛsɔre afi wo nna mu?

10 Mmb 24.33-34 Nna kakra, nkotɔ kakra,

nsa a mɛpono mada kakra.

11Ɛnna wo hia bɛto wo sɛ ɔkwanmukafo,

ne w’ahokyere sɛ ɔkyɛmkurafo.

Nseku ho kɔkɔbɔ

12 Mmb 10.31-32 Onipa huhuw ne ɔbarima busuyɛfo,

ɔde ano kɔntɔnkye nennamee,

13 Mmb 10.10 obubu n’aniwa, ɔde ne nan kasa,

ɔde ne nsatea kyerɛkyerɛ ade,

14akɔntɔnkyesɛm wɔ ne komam,

ɔpam ne tirim apammɔne daa,

takrawogyam na ɔhyɛ.

15Enti mpofirim na ne sɛe bɛba,

wobebubu no afrɛ so a wontumi nsa.

Nneɛma a Onyankopɔn kyi

16Ade asia yi na AWURADE tan,

Yiw na ade ason na ɛyɛ ne kra akyide,

17ani a ɛtra ntɔn, atoro tɛkrɛma,

ne nsa a ehwie mogya a edi bem gu;

18koma a edwen mmusu adwene,

nan a ɛyɛ hare tu mmirika kɔ bɔne mu;

19ɔdansekurumfo a ohuw atosɛm,

ne nea ɔhyɛ anuanom ntam takrawogyam.

Awaresɛe ho kɔkɔbɔ

20 Mmb 1.8 Me ba, bu w’agya mmara nsɛm,

na ntow wo na kyerɛ nkyene.

21 Mmb 3.3 Fa kyekyere wo koma ho daa yi,

na fa bobare wo kɔn ho hyia.

22 Nnw 119.172 Wonam a, ma enkogya wo,

woda a, ɛnhwɛ wo so,

na wunyan a, ɛnyɛ wo sɛmɔdɛbɔ.

23Na mmara nsɛm no yɛ ɔkanea, na kyerɛ no yɛ hann,

na nteɛso nkaanim yɛ nkwa kwan,

24 Mmb 2.16 na ahwɛ wo so afi ɔbea bɔne ho,

afi ɔbea hɔho tɛkrɛma dɔkɔdɔkɔ ho.

25Mma w’ani mmmere n’ahoɔfɛ wo komam,

na mma ɔmmfa n’anisuatɛtɛw nnkyere wo.

26Na ɔbea oguamamfa ma obi di abodoosin,

na obi yere buw nkwa a ne bo yɛ den.

27So onipa de ogya bɛhyɛ ne kokom,

na ne ntade renhyew?

28So obi bɛfa nsramma so,

na ne nan renhyew?

29 Mmb 5.10-14 Saa na nea ɔkɔ ne yɔnko yere nkyɛn te,

obiara a ɔka no renni bem.

30Owifo, sɛ owia ade sɛ ɔredi amee,

efisɛ ɔkɔm de no a, wommu ani ngu so;

31na sɛ wohu no a, ɔbɔ ho mpɛn asɔn,

ɔde n’afide nyinaa bɛma.

32 1 Ko 6.18 Nea ɔfa ɔyere nni ti,

nea ɔsɛe ne kra na ɔyɛ saa.

33Mmaa ne animguase na obenya,

na n’ahohora no, wɔrempopa.

34Na ninkunu twetwe ɔbarima abufuhyew,

na aweredi da no, ɔremfa mfiri;

35ɔremmu mpata biara,

na woma akyɛde dɔɔso po a, ɔrempene.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help