Nnwom 19 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Wɔhu Onyankopɔn animuonyam wɔ abɔde muWɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom

1 Rom 1.20 Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam,

na ewim kyerɛ ne nsa ano adwuma.

2Da koro biara woro kyerɛ,

na anadwo biara da nimdeɛ adi.

3Ɛnyɛ ɔkasa, na ɛnyɛ nsɛm a wɔnte,

4 Rom 10.18 Ɔsoro susuhama du, asase nyinaa so

na ne nsɛm du wiase ano;

wasi ntamadan ama owia ɔsoro hɔ.

5Na ofi adi sɛ ayeforokunu a ofi ne pia mu,

ɛde ahosɛpɛw tu mmirika sɛ ɔbran.

6 Nnw 104.19 N’adifi wɔ ɔsoro ano,

na ne kyini kodu ano hɔ,

na biribiara nkora ne ho mfi ne hyew ano.

7 Nnw 119.50, 130 AWURADE mmara yɛ pɛ,

edwudwo ɔkra.

AWURADE adanse atim,

ɛma awiɛmfo hu nyansa.

8 Nnw 12.6; 18.30; 119.105 AWURADE ahyɛde teɛ,

ɛma koma tɔ yam,

AWURADE mmarahyɛ ho tew,

na ɛtew ani.

9AWURADE suro yɛ kronkron,

egyina hɔ daa.

AWURADE atemmude yɛ nokware,

ne nyinaa teɛ.

10 Nnw 119.72 Ɛyɛ akɔnnɔ sen sika ne amapa pii,

na ɛyɛ fremfrem sen ɛwo ne ahwerew mu nsu.

11Wɔnam so bɔ w'akoa kɔkɔ,

ɛsodi mu wɔ akatua pii.

12 Hiob 9.3; Nnw 130.3 Hena na ohu n’ankasa ne mfomso mu?

Me bɔne a ahintaw me, fa kyɛ me.

13 Nnw 18.23 Nso bɔ w’akoa ho ban wɔ bɔne ho,

na anhyɛ me so.

Ɛno na medi bem,

na me ho afi amumɔyɛ kɛse ho.

14Ma m’anom nsɛm nyɛ wo fɛ,

na me komam nkɔmmɔ nsɔ w’ani,

AWURADE, me botan ne me gyefo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help