Yesaia 5 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Bobeturo a ɛnsow aba no ho dwom

1 Yes 27.2; Nnw 80.8-15; Mar 12.1-9 Ma mento me dɔfo ho dwom,

me dɔfo dwom a ɛfa ne bobeturo ho.

Me dɔfo wɔ bobeturo bi,

asasebere koko bi so;

2na ɔfɛtɛw mu tutuu mu abo,

na ɔtetɛw mu bobe pa,

na ɔtoo abantenten sii mu,

na otuu mu nsa-kyi-amoa nso;

na ɔtwɛnee sɛ ɛbɛsow obobe aba.

Ɛnna ɛsow abuntwɛre.

3Na afei, mo a mowɔ Yerusalem

ne nnipa a mowɔ Yuda

mummu me ne me

bobeturo ntam atɛn.

4Dɛn na anka ɛsɛ sɛ meyɛ me bobeturo bio

a menyɛe? Ɛdɛn nti na metwɛnee

sɛ ɛbɛsow obobe aba,

na asow abuntwɛre yi?

5Na afei merema moahu

nea merebɛyɛ me bobeturo no.

Meyi ɛho ban,

na mmoa adi,

mebubu ne fasu,

na wɔatiatia so;

6mɛma adan ntuw,

wɔrentwitwa ho, na wɔrennɔw mu,

na afuw nsɔe ne nnɛnkyɛnse ara nko,

na mɛhyɛ osu sɛ ɛnntɔ nngu so.

7Na asafo AWURADE bobeturo

ne Israel fi,

na Yudafo

ne n’afuw a ɔdɔ ho;

na ɔhwehwɛɛ atemmu,

na hwɛ, mogyahwiegu na ohui;

ɔhwehwɛɛ trenee,

na hwɛ, nteɛm na ɔtee.

Bɔne a nnipa yɛ

8 Mika 2.2 Wonnue, wɔn a wɔde ɔdan toa ɔdan so,

wɔn a wɔde afuw ka afuw ho,

kosi sɛ ɔkwan bi nni hɔ bio, na mo nko

motena asase no so.

9Asafo AWURADE aka agu m’aso mu sɛ:

Ampa ara, adan pii bɛdan amamfo,

adan a ɛsosoe na eye rennya obi ntena mu

10na bobeturo a anka anantwi mpamho du yɛ mu adwuma no

bɛma bobesa twahina biako pɛ,

na ahina biako a wɔadua bɛma susukorow biako pɛ.

11Wonnue, wɔn a wɔsɔre anɔpatutu di nsa akyi,

wɔn a wosi pɛ ma nsa bow wɔn,

12 Amos 6.5-6; Nnw 28.5 na ɔsankuten ne bɛnta sanku ne mpintin

ne bɔtɔwa ne nsa wɔ wɔn apontow ase,

na AWURADE nneyɛe de, wɔnhwɛ,

na ne nsa ano adwuma nso, wonhu.

13Enti wɔrebetu me man akɔ, nimdeɛ a wonni nti;

na ɔkɔm bekum n’anuonyamfo,

na osukɔm ade ne nnipa dodow;

14enti asaman atrɛw n’akɔnnɔ mu,

na ahan n’anom haharaa,

na Yerusalem anuonyamfo ne nnipa dodow

ne nnipa dɔm ne wɔn a wɔn ani ka mu no asian akɔ hɔ.

15 Yes 2.11 Na wɔabrɛ nnipa ase,

na wɔde mmarima ahwe fam,

na wɔabrɛ ahantanfo aniwa ase;

16na asafo AWURADE bɛma ne ho so, atemmu mu,

na Onyankopɔn kronkron atew ne ho, trenee mu.

17Na nguammaa bedidi sɛ wɔn adidibea,

na ananafo adidi taamudifo amamfo so.

18Wonnue, wɔn a wɔde amumɔyɛ hama twe atoro

na wɔde teaseɛnam ntampehama twe bɔne,

19 Yer 17.15; 2 Pe 3.4 wɔn a wɔka sɛ: Ma ɔnyɛ no hare nyɛ n’adwuma

ntɛm na yenhu!

Na ma Israel kronkronni no agyina mmɛn na

ɛmmra mma yenhu.

20Wonnue, wɔn a wɔfrɛ bɔne sɛ papa,

ne papa sɛ bɔne,

wɔn a wɔde sum yɛ hann,

na wɔde hann yɛ sum,

wɔde nwenenwene yɛ fremfrem,

na wɔde fremfrem yɛ nwenenwene!

21 Mmb 3.7; Rom 12.17 Wonnue, wɔn a wɔyɛ wɔn ankasa ani so anyansafo

na wɔyɛ wɔn ani so nhumufo no!

22Wonnue, asanom mu mmarima

ne nsafra mu ahoɔdenfo!

23Wɔn a wobu ɔbɔnefo bem gye adammude,

na wɔmfa nea odi bem no bem mma no.

Ɔsɛe atemmu

24Enti, sɛ ogyaframa hyew sakran

na ogya framfram hyew wura guanguan no,

saa ara nso na wɔn ntini bɛporɔw,

na wɔn nhwiren betu akɔ sɛ otutuw,

efisɛ wɔapa asafo AWURADE mmara,

na wɔatew Israel kronkronni no asɛm ahi.

25 Yes 9.12 Eyi nti AWURADE bo afuw ne man,

na ɔteɛ ne nsa hyɛ wɔn na ɔbobɔ wɔn,

na ɛma mmepɔw no him,

na wɔn afunu yɛ sɛ mmorɔn so sumina,

wɔ mmɔnten so,

Eyi nyinaa mu no n’abufuw no nnyaee ɛ,

na ne nsa mu ateɛ ara.

26Na obesi frankaa ama amanaman a ɛwɔ akyirikyiri,

na wabɔ hwirema afrɛ ɔman bi afi asase ano,

na hwɛ wɔreba ɔhare so, ntɛm so.

27Nea wabrɛ, ne nea ohintiw nni mu,

wɔn mu bi ntɔ nko na n’ani nkum,

wɔn asen so abɔso rensan,

na wɔn mpaboa hama rentew.

28Wɔn agyan ano yɛ hwirenhwiren,

na wɔn ta nyinaa akuntunkuntun;

wɔn apɔnkɔ tɔte te sɛ twɛrebo,

na wɔn nteaseɛnam nan te sɛ kyinhyia mframa;

29wɔn mmobom te sɛ gyata de,

na wɔbobom sɛ agyataforo,

wɔpa so kyere wɔn hanam

kɔ a ogyefo bi nni hɔ.

30Na wɔbɛworo ahyɛ wɔn da no

sɛ ɛpo woro,

na wɔhwɛ asase a,

na hwɛ, ahohia ne sum ni,

na hann reduru wɔn so sum.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help