Yesaia 47 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Babel ho atemmu

1 Deut 28.56 Sian, na tena mfutuma mu,

Ɔbaabun Babel babea,

Tena fam, ahengua bi nni hɔ,

Kaldeafo babea,

na wɔremfrɛ wo

ɔbaabere a ɔkokɔ ne ho bio.

2Fa awiyammo ne ne ba kɔyam awi,

yi wo nkataanim,

ma wo gyawurusi so,

yiyi w’asrɛ ho,

na twa asu no.

3 Nah 3.5 W’adagyaw bɛda adi,

na wɔahu w’ahohora.

Metɔ were,

na merenkyɛe onipa so.

4Yɛn dimafo no, asafo AWURADE ne ne din,

Israel kronkronni ne no.

5Tena ase dinn, na kɔ sum mu,

O Kaldeafo babea,

na wɔremfrɛ wo

ahenni horow no so awuraa bio.

6 Yes 10.5-7; Sak 1.15 Me bo fuw me man,

mihuraa m’agyapade ho,

na mede wɔn mehyɛɛ wo nsa,

woanyi ayamhyehye ankyerɛ wɔn,

nkwakoraa ne mmerewa so po

womaa wo kɔndua yɛɛ duru dodo;

7na wokae sɛ: Mɛyɛ awuraa akosi daa.

Na ɛno nti amma woamfa eyinom anhyɛ wo komam,

woankae n’awiei.

8 Adi 18.7; Sef 2.15 Na afei tie eyi ɛ, ɔhodomfo a wote hɔ gye w’ani,

na wote hɔ dwoodwoo no,

wo a wuse wo koma mu sɛ:

Me ara ni, na obi nni akyiri bio,

merentena kuna mu,

na merenni mmasigyaw.

9Na ade abien yi bɛba wo so afrɛso,

mpofirim da koro,

mmasigyaw ne kunayɛ;

ɛbɛba wo so ma ayɛ hu,

wo ntafowayi dodow ne wo kaberɛkyere

a ano yɛ den rentumi nyɛ hwee.

10Na wode wo ho too wo bɔne mu

kae sɛ: Obi nhu me;

wo nyansa ne wo nimdeɛ

bɔɔ w’adwene ko,

ma wokae wo koma mu sɛ:

Me ara ni, na obi nni akyiri bio.

11Na mmusu bɛto wo a worenhu yi;

na abu bebu wo a nkonyaayi rentumi mpata;

na mpofirim na ɔsɛe bɛba wo so,

a wo ara wonnim.

12 Dan 2.2 Sɔre gyina yiye ɛ,

fa wo kaberɛkyere ne wo ntafowayi dodow

a wufi wo mmofraase brɛɛ mu no,

ebia wubetumi de ayɛ biribi,

ebia wode beyi hu.

13Woabrɛ w’agyinatu pii no mu;

ma wɔn a wɔhwɛ wim nsɔre nnyina ɛ,

na wonnye wo nkwa,

ɔsoro ani mu kyekyɛfo no,

nsorommahwɛfo a ɔsram foforo

daa wɔkyerɛ nneɛma a ɛbɛba wo so no.

14Hwɛ, wɔayɛ sɛ sare a awo,

ogya ahyew wɔn,

wɔrentumi nnye wɔn kra

mfi gyaframa nsam; ɛnyɛ nsramma

a wɔde huahua wɔn ho,

anaasɛ ogya a wɔtena ho.

15Saa na wɔn a woabrɛ wɔn ho no bɛyɛ ama wo;

wɔn a wo ne wɔn adi gua fi wo mmofraase no,

wɔn nyinaa ayera afi wɔn akwan so;

obiara nni hɔ a obegye wo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help