1Na Saul wu akyi a Dawid asan afi Amalek kum aba no, Dawid dii Siklag nnanu.
2Na da a ɛto so abiɛsa no, hwɛ, ɔbarima bi fi Saul nsra no mu bae, na n’atade asunsuan, na dɔte gu n’atifi; na oduu Dawid nkyɛn no, ɔhwee fam kotow no.
3Na Dawid bisaa no sɛ: Ɛhe na wufi reba yi? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Israel nsram na mifi miguanee yi.
4Na Dawid bisaa no sɛ: Asɛm no kɔɔ dɛn? Ka kyerɛ me ɛ! Na ose: Ɔman no aguan afi ɔko no ano, na ɔman no mufo pii atotɔ na wɔawuwu, na Saul ne ne ba Yonatan nso awuwu.
5Na Dawid bisaa aberante a ɔka kyerɛɛ no no sɛ: Woyɛɛ dɛn hui sɛ Saul ne ne ba Yonatan awuwu?
61 Sa 31.1-3 Na aberante a ɔka kyerɛɛ no no kae sɛ: Mikofii Gilboa Bepɔw so, na hwɛ, Saul tweri ne peaw ho, na hwɛ, nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo retaa no.
7Na ɔhwɛɛ n’akyi no, ohuu me, na ɔfrɛɛ me. Na migyee no so sɛ: Mini.
8Na obisaa me sɛ: Woyɛ hena? Na mibuaa no sɛ: Meyɛ Amalekni.
9Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Begyina me so kum me, na nketenkete akita me, nanso me kra nyinaa da so wɔ me mu.
10Ɛnna migyinaa no so mikum no, na minim sɛ n’asehwe akyi no, ɔrennya nkwa. Na mefaa abotiri a ɛbɔ ne ti ne kapo a ɛhyɛ ne nsa no, na mede mabrɛ me wura ha.
11 Gye 37.29 Ɛnna Dawid soo n’atade mu suan mu, na mmarima a wɔka ne ho no nyinaa nso yeyɛɛ saa.
121 Sa 31.13 Na wotwaa adwo na wosui, na wɔkyen kɔm ara koduu anadwofa maa Saul ne ne ba Yonatan ne AWURADE man ne Israel fi, sɛ wɔatotɔ nkrante ano.
13Na Dawid bisaa aberante a ɔka kyerɛɛ no no sɛ: Wufi he? Na ose: Ɔhɔho Amalekni bi ba ne me.
141 Sa 24.6 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn na woansuro sɛ wobɛteɛ wo nsa akum nea AWURADE asra no ngo no?
152 Sa 4.10, 12 Na Dawid frɛɛ ne mmerante no mu bi sɛ: Twiw bɛn no bɔ no! Na ɔbɔɔ no ma owui.
161 Ah 2.23, 33 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Wo mogya ngu w’atifi na w’ano na adi wo adanse sɛ: Me na makum nea AWURADE asra no no.
Dawid twa kwadwom ma Saul ne Yonatan17Na Dawid twaa Saul ne ne ba Yonatan ho kwadwom yi;
182 Sa 1.22; Yos 10.13 na ɔkae sɛ wɔmfa nkyerɛ Yuda mma, bɛmma dwom; hwɛ, wɔakyerɛw Yasar Nhoma no mu:
19Israel, w’anuonyam no wo sorɔnsorɔmmea so na wɔahwirow wɔn mu.
Ahoɔdenfo atotɔ dɛn ara!
20 Mika 1.10; 1 Sa 18.6 Monnka wɔ Gat,
mommmɔ no kaseɛ wɔ Askelon mmɔnten so,
na Filistifo mmabea ani annye,
na momonotofo mmabea anni ahurusi.
21 Num 15.18-21 Mo Gilboa mmepɔw,
wɔmmma obosu ne osu nngu mo so,
na nnɔbae mfuw mmma mo so,
na ɛhɔ na wɔtow ɔhoɔdenfo kyɛm kyenee,
nsaase a wɔbɔ so afɔre,
Saul kyɛm, sɛ nea wɔnsraa no ngo de.
22Atɔfo mogya, ahoɔdenfo srade,
Yonatan bɛmma ansan amfi ho da,
na Saul nkrante nso ansan amfi ho kwa.
23Saul ne Yonatan te ase,
na wɔyɛ ahoɔfɛfo a wɔn ho yɛ anika,
na wɔn wu mu nso wɔanni mpaepaemu.
Wɔn ho yɛ hare sen akɔre,
wɔn ho yɛ den sen agyata.
24Israel mmabea, Saul na munsu no,
ɔno na ofuraa mo atankɔkɔɔ ma ɛyɛɛ fɛ,
na ɔde sika ahyehyɛde guguu mo ntade so.
25Ahoɔdenfo atotɔ ɔko mu dɛn ara!
Wɔahwirow Yonatan mu wo sorɔnsorɔmmea so.
26Wo nti me ho hia me, me nua Yonatan,
w’asɛm yɛɛ me dɛ sɛ,
wo dɔ yɛɛ me nwonwa sen mmea dɔ.
27Ahoɔdenfo atotɔ dɛn ara,
na akode asɛe yi.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.