1 Num 25.1 Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na wotu fii Sitim, na woduu Yordan ano, ɔno ne Israelfo nyinaa, na wɔdaa hɔ ansa na wotwae.
2Na nnansa wiee du no, ahwɛfo no kyinii nsra no mu
3kɔhyɛɛ ɔman no sɛ: Sɛ muhu AWURADE mo Nyankopɔn apam adaka no ne Lewi asɔfo a wɔso no a, mo nso muntu mfi nea mowɔ hɔ, na munni akyiri;
4nanso munsusuw ɔkwan bɛyɛ sɛ basafa apem nto mo ne no ntam, mommmɛn no, sɛnea ɛbɛyɛ na moahu ɔkwan ko a mobɛfa so, efisɛ momfaa ɔkwan yi so pɛn.
5Eks 19.10 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Montew mo ho, na ɔkyena AWURADE bɛyɛ anwonwade wɔ mo mu.
6Yos 6.6 Na Yosua ka kyerɛɛ asɔfo no sɛ: Monsoa apam adaka no nsen nni ɔman no anim. Na wɔsoaa apam adaka no dii ɔman no anim.
7 Yos 4.14; 1.5, 17 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnnɛ da yi na mefi ase mayɛ wo kɛse Israel nyinaa ani so, na wɔahu sɛ, sɛnea midii Mose akyi no, saa ara na medi w’akyi.
8Na wo de, hyɛ asɔfo a wɔso apam adaka no sɛ: Sɛ mudu Yordan nsu no ano a, munnyina Yordan mu.
9Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: Muntwiw mmra ha, na muntie AWURADE mo Nyankopɔn nsɛm.
10Ɛnna Yosua kae sɛ: Eyi na mode behu sɛ Onyankopɔn teasefo no wɔ mo mu, na ɔpam na ɔbɛpam Kanaanfo ne Hetifo ne Hewifo ne Perisifo ne Girgasifo ne Amorifo ne Yebusifo no afi mo anim.
11Hwɛ, asase nyinaa wura apam adaka no redi mo anim akɔ Yordan mu.
12Na afei momfa mmarima dumien mfi Israel mmusuakuw no mu, abusuakuw biara mu nipa biako.
13Na sɛ asɔfo a wɔso Awurade, asase nyinaa wura no, adaka no anammɔn ka Yordan nsu no ara pɛ a, Yordan mu nsu a esian fi atifi ba no betwa, na abɔ kuw agyina hɔ.
14Na ɔman no tu fii wɔn ntamadan mu sɛ wɔrekotwa Yordan, na asɔfo a wɔso apam adaka no dii ɔman no anim,
15na asɔfo a wɔso adaka no duu Yordan ano, na wɔn anan sii nsu no mu ara pɛ
16Eks 14.21; Nnw 114.3 na nsu a efi atifi ba no gyinae bɔɔ kuw biako wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kurow a ɛwɔ Saretan nkyɛn no ho; na nsu a esian kɔ tataw mu po a ɛne Nkyene-Po no mu no twa wiei koraa. Na ɔman no twae Yeriko ntentenso.
17Nso na Yordan ayiri asram ne kɔn so awitwabere na asɔfo a wɔso apam adaka no gyinaa asase kesee so Yordan mfinimfini pintinn, na Israel nyinaa nam asase kesee so twae de kosii sɛ ɔman mu no nyinaa wiee Yordan twa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.