1 Aso 4.25-30 Adɛn nti na amanaman yɛ gyegyeegye,
na aman susuw ade hunu yi?
2 Adi 11.18; 19.19 Asase so ahemfo tu agyina,
na aman sodifo bom tu agyina
tia AWURADE ne nea wasra no no sɛ,
3 Yer 2.20; 5.5; Luka 19.14 Momma yemmubu wɔn mpokyerɛ,
na yɛntow wɔn hama mfi yɛn ho ngu.
4 Nnw 37.13; 59.8 Nea ɔte soro no serew,
AWURADE di wɔn ho fɛw.
5 Yes 34 Ɛno na ɔbɛkasa akyerɛ wɔn, n’abufuw mu,
na ɔde n’abufuhyew beyi wɔn hu aka sɛ;
6Me AWURADE na masi me hene,
me bepɔw kronkron Sion so.
7 Nnw 89.26-29; Aso 13.33; Heb 1.5; 5.5 Na mɛka no nea AWURADE ahyɛ no,
AWURADE ase me sɛ: Meba ne wo,
ɛnnɛ na mawo wo.
8 Dan 7.13-14 Bisa me na mede amanaman mɛyɛ w’apɛgyade,
na mama woafa asase ano noho adi so.
9 Adi 2.27; 12.5; 19.15 Wode dade poma bebubu wɔn,
na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwemfo ahina.
10Na afei, ahene, munhu nyansa.
Asase so atemmufo, muntie afotu.
11 Flp 2.12; Heb 12.28 Monsom AWURADE, osuro mu,
na munni ahurusi ahopopo mu.
12 1 Sa 10.1; Nnw 34.8; 84.12; Yes 30.18 Momfa nidi mapa mma no,
na ne bo amfuw, na moanyera ɔkwan mu;
na aka kakra na n’abufuw adɛw.
Nhyira ne wɔn a woguan toa no nyinaa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
