1 2 Ah 3.4; 14.7 Momfa nguammaa mfi Sela
mfa anwea so fam
nkɔ Sion babea bepɔw no so
nkɔma asase no sodifo no.
2Na Moab mmabaa bɛyɛ
sɛ nnomaa a wotu kyini,
sɛ berebuw a wɔayi,
Arnon asutwaree.
3Tu fo,
bu atɛn;
ma wo nwini nyɛ sɛ anadwo,
awia ketee;
fa wɔn a wɔapam wɔn hintaw,
nyi aguanfo mma;
4ma wɔn a wɔapam wɔn afi Moab no
nsoɛ wo nkyɛn,
yɛ wɔn hintabea,
ɔsɛefo anim!
Na opoobɔfo agyae,
na ɔsɛe to atwa,
na nhyɛsofo nsa asase no so.
5Na wɔbɛma agua bi atim, adɔeyɛ so,
na obi atena so, nokware mu,
wɔ Dawid ntamadan mu a obu atɛn
na ɔpɛ atɛntrenee, na ɔyɛ adetrenee ntɛm.
6Yɛate Moab homan a wahoman dodo,
sɛnea n’ahomaso te,
n’ahantan ne n’ahokyerɛ ne n’anuɔden
ne ahoahoasɛm huhuw no.
7Enti ma Moab ntwa adwo,
ma wɔn nyinaa ntwa Moab ho adwo,
di awerɛhow pii
wɔ Kir-hareset bobe aba tetare ho.
8Na Hesbon mfuw ahome tew;
na Sibma bobe,
a n’abaa ma aniwa yɛ twann no,
amanaman wuranom
koduu Yaser,
na ekyinii koduu anwea so,
n’abaa trɛtrɛwee koduu amanaman so
ma ekotwaa po.
9 Yes 15.5; Yer 4.19; Amos 2.2 Enti mede Yaser su
misu Sibma bobe no,
mede nusu migu wo so,
Hesbon ne Eleale,
na wo nnuaba ne w’abatew
so na ɔko nteɛteɛm aba;
10na wɔayi anigye ne ahosɛpɛw
afi mfuw pa mu,
na wɔnte ahurusi dwom anaa nteɛteɛm,
bobe nturo mu,
na nsakyifo nkyi nsa-kyi-amoa mu nsa,
atiatiafo dwom nso, matwa so.
11 Yes 16.9 Enti me kra ho yeraw no Moab ho sɛ ɔsanku,
me yam nso hyehye me Kir-heres ho.
12Na sɛ Moab yi ne ho adi ba besu, na ɔbrɛ ne ho wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ, na ɔhyɛn ne kronkronbea bɛbɔ mpae a, ɔrentumi nyɛ hwee.
13Eyi ne asɛm a AWURADE aka atia Moab dedaw;
14Yes 21.16 na afei AWURADE rekasa sɛ: Ɛha mfe abiɛsa a ɛte sɛ ɔpaani mfe no Moab anuonyam bɛsopa, ɔne ne nnipa dodow no nyinaa; na nkae no bɛyɛ kakraa bi a wɔnyɛ den.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
