Hesekiel 32 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Farao ho kwadwom

1Na afe a ɛto so dumien no, ɔsram a ɛto so dumien no da a edi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2Hes 27.2; 29.3 Onipa ba, twa kwadwom ma Misraim hene Farao, na ka kyerɛ no sɛ:

Amanaman mu gyataforo ho

na wɔde wo toe, nso wo de,

woyɛe sɛ ɛpo mu asuboa,

na wuhuruw fii wo nsubɔnten no mu,

na wode wo nan nuu nsu no mu fonoo wɔn nsubɔnten.

3 Hes 17.20 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni:

Mede m’asawu mɛtrɛw wo so,

aman bebree asafo mu,

na wɔde me boa ayi wo aforo aba,

4na mɛtow wo akyene fam,

na matow wo agu sare ani,

na mama wim nnomaa nyinaa abesisi wo so,

na mama asase nyinaa so mmoadoma adi wo amee.

5Na mede wo nam mɛto mmepɔw so,

na mede w’afunu mahyɛ abon ma,

6na mama asase no anom wo nsu

a efi wo mogya mu akodu mmepɔw ho,

na woahyɛ nsubon no mama.

7 Yes 13.10 Na sɛ midum wo sɛ kanea a,

mɛkata ɔsoro, na mama ne nsoromma abiri tumm;

mede omununkum mɛkata owia ani,

na ɔsram renharan.

8Mɛma ɔsoro akanea a ɛhyerɛn abiri wo so,

na mama esum aduru w’asase so,

AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

9Na mehuru aman bebree koma,

bere a mede wo bɔ mɛba

amanaman mu, nsaase

a wunnim so no so;

10na mɛma wo ho ayɛ aman bebree ahodwiriw,

na wo ho ama awɔse agu wɔn ahene so bere

a mihwinhwim m’afoa wɔn anim no, na wɔn ho bɛpopo bere nyinaa mu,

wɔn nyinaa kra mmiako mmiako nti,

w’asehwe da no.

11Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni:

Babel hene nkrante bɛba wo so.

12Nnɔmmarima nkrante na mede mɛma w’asafo yuu no

atotɔ, amanaman mu anuɔdenfo ne wɔn nyinaa,

na wɔbɛsɛe Misraim ahantan,

na wɔadwerɛw n’asafo yuu nyinaa.

13Na mɛdwerɛw n’afieboa nyinaa

afi nsu akɛse no ho,

na onipa nan renhaw no bio,

na afieboa ntɔte rensɛe no bio.

14Ɛno na mɛma wɔn nsu ani agyen,

na mama wɔn nsubɔnten asen sɛ ngo,

AWURADE Nyankopɔn asɛm ni,

15ɛbere a mɛma Misraim asase ayɛ afo

na asase no

ada ne mayɛ ho mpan no,

ɛbere a mekum wɔn a wɔte so no nyinaa no,

na wɔahu sɛ mene AWURADE.

16Kwadwom a wɔde besu no ni,

amanaman mmabea de besu no,

wɔde besu Misraim ne n’asafo yuu nyinaa,

AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

17 Hes 32.1 Na afe a ɛto so dumien no, ɔsram a ɛto so dunum no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

18 Hes 31.16 Onipa ba, twa Misraim asafo yuu so adwo,

na ma wɔne amanaman atumfo mmabea

nsian nkɔ famfam asase so nka wɔn

a wosian kɔ amoa mu no ho.

19 Yes 14.11-19 Hena na wosen no ahoɔfɛ?

Sian na da momonotofo nkyɛn!

20 Hes 21.9 Nkrante ano atɔfo mu na wɔbɛtotɔ; wɔde no ama nkrante; montwe ɔno ne n’asafo yuu nyinaa nkɔ.

21Nnɔmmarima mu atumfo ne n’aboafo fi asaman ka kyerɛ no sɛ: Momonotofo a wɔde nkrante akunkum wɔn no asian deda hɔ.

22Ɛhɔ na Asaria ne n’asafo nyinaa wɔ, wɔn adamoa atwa ne ho ahyia; wɔahwirew wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrante ano;

23Yes 14.15 wɔabɔ ne da amoa mu tɔnn, na n’asafo atwa ne damoa ho ahyia; wɔahwirew wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrante ano, wɔn a woyii nnipa hu, ateasefo asase so no.

24Ɛhɔ na Elam ne n’asafo yuu nyinaa wɔ, wɔn adamoa atwa ne ho ahyia; wɔahwirew wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrante ano, momonotofo a wɔasian kɔ asase ase tɔnn a woyii nnipa hu, ateasefo asase so no, na wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no asoa wɔn ahohora.

25Atɔfo mu na wɔatow no mpa, n’asafo yuu no nyinaa mu, wɔn adamoa atwa ne ho ahyia; wɔn nyinaa yɛ momonotofo, na wɔakunkum wɔn nkrante ano; efisɛ wɔn ho hu kaa nnipa ateasefo asase so nti, wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no asoa wɔn ahohora; wɔde no ato atɔfo mu.

26 Hes 38.2 Ɛhɔ na Mesek, Tubal ne n’asafo yuu no nyinaa wɔ; wɔn adamoa atwa ne ho ahyia; wɔn nyinaa yɛ momonotofo, wɔakunkum wɔn nkrante ano, efisɛ wɔmaa wɔn ho hu kaa nnipa, ateasefo asase so;

27na wɔrenneda momonotofo mu nnɔmmarima a wɔatotɔ na wɔde wɔn akode asian kɔ asaman na wɔde wɔn nkrante ahyehyɛ wɔn ti ase nkyɛn; na wɔn amumɔyɛde aba wɔn nnompe so, efisɛ wɔn ho yɛɛ nnɔmmarima hu, ateasefo asase so.

28Na wo nso wobebubu wo momonotofo mu, na wo ne nkrante ano atɔfo adeda.

29 Hes 25.12-14 Ɛhɔ na Edom wɔ, n’ahene ne n’abirɛmpɔn nyinaa, wɔde wɔn guu nkrante ano atɔfo nkyɛn, wɔn mmaninyɛ mu; wɔn nso ne momonotofo ne wɔn a wosian kɔ amoa mu no deda hɔ.

30 Hes 38.6; 28.21-23 Ɛhɔ na benkum fam ahemfo nyinaa wɔ, ne Sidonfo a wɔne atɔfo asian kɔ no nyinaa; wɔn ho hu a wɔde wɔn mmaninyɛ yii no mu, wɔn ani awu na wɔdeda hɔ sɛ momonotofo keka nkrante ano atɔfo ho, na wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no soa wɔn ahohora.

31 Yes 14.10 Wɔn na Farao behu wɔn, na ne werɛ akyekye, n’asafo yuu no nyinaa ho; nkrante ano atɔfo ne Farao ne ne dɔm nyinaa, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

32Na mema oyii hu, ateasefo asase so, enti na wɔde no ato momonotofo mu aka nkrante ano atɔfo ho, Farao ne n’asafo yuu nyinaa, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help