Nnwom 121 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Israel hwɛfoMforoso dwom

1Mema m’ani so makyerɛ mmepɔw no,

ɛhe na me boa fi bɛba?

2Me boa fi AWURADE,

ɔsoro ne asase yɛfo no.

3Ɔremma wo nan nwatiriw,

nea ɔhwɛ wo no rentɔ nko.

4Hwɛ, nea ɔhwɛ Israel no,

ɔrentɔ nko, na ɔnna.

5AWURADE ne wo hwɛfo,

AWURADE ne wo nwini, wo nsa nifa so.

6Owia renhye wo awia,

na ɔsram rensi wo so anadwo.

7 Num 6.24 AWURADE bɛhwɛ wo so, bɔne nyinaa ho,

ɔbɛhwɛ wo kra so.

8AWURADE bɛhwɛ w’adifi ne wo fieba so

afi sesɛɛ de akosi daa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help