1Na Mose kasa kyerɛɛ Israelfo mmusuakuw no so atitiriw sɛ: Eyi ne asɛm a AWURADE ahyɛ
2Lew 27.2-25; Deut 23.21; Ate 11.35; Ɔsɛ 5.4-5 Sɛ obi hyɛ AWURADE bɔ anaasɛ ɔka ntam tua ne kra ade bi a, ommmu n'asɛm so; nea efi n'anom nyinaa, ɔnyɛ.
3Na sɛ ɔbea bi hyɛ AWURADE bɔ de tua ne ho biribi n'agya fi, wɔ ne mmabaabere mu,
4na n'agya te ne bɔhyɛ no ne n'ahotua a ɔde tua ne kra biribi no, na n'agya yɛ komm a, ɛnne ne bɔhyɛ ne n'ahotua a ɔde tuaa ne kra biribi no gyina hɔ.
5Na sɛ da a n'agya bɛte no wampene a, ɛnne ne bɔhyɛ nyinaa ne n'ahotua a ɔde tuaa ne kra biribi no rennyina hɔ; na AWURADE de bɛkyɛ no, efisɛ n'agya ampene.
6Na sɛ ɔyɛ ɔbarima yere, na ne bɔhyɛ anaa nea afi n'anom a ɔde atua ne kra biribi no da no so,
7na ne kunu te, na da a ɔte no ɔyɛ komm a, ɛnne ne bɔhyɛ no gyina hɔ, na otua a ɔde atua ne kra biribi no gyina hɔ.
8Na sɛ da a ne kunu te no, wampene a, na wasan ne bɔhyɛ a ɛda no so ne nea efii n'anom a ɔde tuaa ne kra biribi no, na AWURADE de bɛkyɛ no.
9Na ɔbea kunafo anaa nea wɔako no bɔhyɛ de, ade biara a otua ne kra no da no so.
10Na sɛ ne kunu fi na ɔhyɛ bɔ anaasɛ ɔde ntam tua ne kra biribi,
11na ne kunu te, na ɔyɛ komm, na wammara no a, ne bɔhyɛ no nyinaa gyina hɔ, na ade biara a watua ne kra no gyina hɔ.
12Nanso sɛ ne kunu san no da a ɔtee no a, ɛnne ade biara a afi n'anom a ɔde hyɛɛ bɔ anaasɛ ɔde tuaa ne kra biribi no rennyina hɔ; ne kunu asan, na AWURADE de bɛkyɛ no.
13Bɔhyɛ nyinaa ne ahotua ntam a wɔde brɛ ɔkra ase nyinaa, ne kunu na ɔmma ennyina hɔ na ne kunu na ɔnsan;
14na sɛ ne kunu no nka ho hwee daa a, wahyɛ ne bɔhyɛ no nyinaa anaa n'ahotua no nyinaa mu den, efisɛ da a ɔtee no, wanka ho hwee;
15na sɛ ɔtee no akyi ansa na ɔresan a, ɛnne ɔnsoa ne yere amumɔyɛ.
16Eyinom ne ahyɛde a AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɛnna ɔbarima ne ne yere ntam, ɛne agya ne ne babea a ɔwɔ ne mmabaabere mu, n'agya fi ntam.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
