1Sɛ AWURADE se ni:
Hwɛ, merehwanyan mframa a ɛsɛe ade
matia Babel
ne nnipa a wɔtete Kaldea,
2 Yer 15.7 na masoma huwfo makɔ Babel,
na wɔahuw no,
na wɔama n’asase ada mpan,
mmere a wobetwitwa ne ho ahyia,
ɛda bɔne no so.
3Mma takuntunfo nkuntun ne ta
na mma ɔmma ne ho so, ne dade nkatabo no mu.
Na monnkyɛe ne mmerante so,
monsɛe ne dɔm nyinaa pasaa;
4na wɔbɛtotɔ agugu Kaldeafo asase so,
na wɔn a wɔapirapira agugu ne mmɔten so.
5 Yes 54.4; Yer 50.11, 29 Na Israel ne Yuda Nyankopɔn no,
asafo AWURADE no,
ne ne nkurɔfo wɔ hɔ,
ɛwom sɛ asase no afom,
Israel kronkronni no anim.
6 Yer 50.8; Adi 18.4; Yes 48.20 Munguan mfi Babel,
na munguan nnye mo kra nkwa mfi ne mu,
na moanwu n’amumɔyɛ mu,
efisɛ AWURADE aweretɔ bere ni,
ɔretua no ne nneyɛe so ka.
7 Yer 25.15; Adi 17.4; 18.3 Babel yɛ AWURADE nsam sika kuruwa
a ɛma asase nyinaa bow;
amanaman anom ne nsa no bi,
enti na amanaman abobɔ adam no.
8 Adi 18.2 Mpofirim no, Babel ahwe ase na abubu.
Muntwa ne ho agyaadwo,
momfa ne yaw ano nku mmra,
ebia wɔsa a, ɛbɛyɛ yie.
9Anka yɛresa Babel yare,
nanso anyɛ yie;
munnyaw no mma yɛnkɔ
yɛn nsaase so,
na n’atemmu akodu ɔsoro,
na wɔama so de akodu wim tɔnn.
10AWURADE ayi yɛn trenee adi;
mommra mma yɛmmɛka
AWURADE yɛn Nyankopɔn nneyɛe wɔ Sion.
11 Yes 13.17; Yer 50.28 Monsew agyan no,
munso akyɛm mu!
AWURADE ahwanyan Media ahene honhom, na wabɔ Babel ho atirimpɔw sɛ ɔbɛsɛe no, efisɛ AWURADE aweretɔ, n’asɔrefi aweretɔ ne no.
12Munsi frankaa nhyɛ Babel afasu,
momma ɔwɛn no mu nyɛ den,
momfa awɛmfo nsisi hɔ,
munsiesie atɛwfo,
na AWURADE dwen ne tirim,
nso ɔreyɛ nea waka Babelfo ho no.
13 Adi 17.1 Wo a wote nsu bebree ho
a w’akorade dɔɔso,
w’awiei aba,
na hama a ekura wo kra mu no atew.
14Asafo AWURADE aka ne ho ntam sɛ:
Mede nnipa mɛhyɛ wo ma, sɛ mmɛbɛw,
na wɔabɔ wo so se.
15 Yer 10.12-16 Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase
de ne nyansa ma wiase tim hɔ,
na ɔde ne nhumu de ɔsoro trɛw hɔ.
16Sɛ ɔkasa a, nsu dodow ba soro,
na ɔma suwusiw tu fi asase ano noho.
Ɔyɛ anyinam, ka osu ho,
otu mframa fi n’adekorabea hɔnom.
17Nnipa nyinaa yɛ tibɔnkɔso a wonni nimdeɛ,
sikadwumfo nyinaa ani wuwu wɔn ahoni ho,
efisɛ wɔn agude yɛ atoro,
na ahome bi nni wɔn mu;
18wɔyɛ ahuhude nko, ahuammɔdwuma,
wɔn asotwe bere mu no, wɔbɛyera.
19Yakob kyɛfa nte sɛ eyinom,
na ade nyinaa yɛfo ne no,
na Israel ne n’agyapade abusuakuw,
asafo AWURADE ne ne din.
20 Yer 50.23; Yes 10.5 Woyɛ me asae ne akode,
na mede wo mebobɔ amanaman,
na mede wo mesɛesɛe ahenni;
21na mede wo mebobɔ ɔpɔnkɔ ne ne sotefo,
na mede wo mebobɔ teaseɛnam ne mutefo;
22na mede wo mebobɔ ɔbarima ne ɔbea,
na mede wo mebobɔ akwakoraa ne abofra,
na mede wo mebobɔ aberante ne ababaa;
23na mede wo mebobɔ oguanhwɛfo ne ne nguankuw,
na mede wo mebobɔ okuafo ne n’anantwi mpamho,
na mede wo mebobɔ amradofo ne ɔman mpanyimfo.
24 Yer 50.29 Na metua Babel ne Kaldeafo nyinaa nnebɔne a wɔde ayɛ Sion no nyinaa so ka, a mo ani tua mu, AWURADE asɛm ni.
25Hwɛ, me ne wo na anya, bepɔw sɛefo,
AWURADE asɛm ni,
wo a wosɛe asase nyinaa,
wo so na mateɛ me nsa,
na mapirepirew wo mafi ɔbotan so,
na mayɛ wo bepɔw a, ahyew koraa.
26Na wɔremfa wo mu ɔbo a wɔde bɛto twea
ne ɔbo a wɔde bɛhyɛ ase,
na mmom wobɛdan daa amamfo,
AWURADE asɛm ni.
Babel asodi ne asotwe27 Yes 13.3; Gye 10.3 Munsi asase no so frankaa,
monhyɛn ntorobɛnto amanaman mu;
momma amanaman nnoa no so sa,
munhyia Ararat, Mini ne Askenas ahenni nhyɛ no;
munsi sahene nhyɛ no,
momfa apɔnkɔ mmra sɛ mmɛbɛw manyamanya.
28Momma amanaman nnoa no so sa,
Media ahene, wɔn amradofo ne wɔn amampanyin
ne wɔn ahemman asase nyinaa.
29Na asase no wosow na ɛpopo,
efisɛ AWURADE tirimpɔw no aba mu, Babel ho,
sɛ ɔrebɛyɛ Babel asase amamfo
a obiara nte mu.
30Babel nnɔmmarima agyae ko
wɔtete wɔn aban mu,
wɔn mmaninyɛ to atwa,
wɔadannan mmea;
wɔatoto wɔn afi mu gya,
wɔabubu akyiri adaban.
31Mmirikatuni tu mmirika kohyia mmirikatuni,
ɔbɔfo nam hyia ɔbɔfo foforo
kɔbɔ Babel hene kaseɛ,
sɛ wɔafa ne kurow no, efi ti kɔ ti,
32na wɔagye asutwaree no,
na wɔde ogya ahyew mmɛw tare no,
na asraafo no ani atane.
33Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni:
Babel babea te sɛ awiporowbea,
bere a wotiatia so no.
Aka kakraa
na twabere adu ama no.
34Babel hene Nebukadnesar atetew yɛn,
wayam yɛn,
ɔde yɛn asi hɔ sɛ ade a hwee nni mu;
wamene yɛn sɛ asu mu bɔpɔn bi,
ɔde me nnɔkɔnnɔkɔwade ahyɛ ne yafunu ma,
wasunsum yɛn kɔ.
35Atirimmɔden a wɔbɔɔ me ne me honam no, wɔmfa mmisa Babel,
wɔn a wɔte Sion no na wɔbɛka saa;
na me mogya ngu Kaldeafo so,
Yerusalem na ɔbɛka saa.
36Enti sɛ AWURADE se ni:
Hwɛ, meredi w’asɛm mama wo,
na matɔ wo were mama wo;
na mama ne po no mu awo,
na n’asubura ayow;
37 Yer 50.13 na Babel bɛyɛ akuwakuw
ne sakraman tenabea,
ahodwiriwde ne fɛwdi,
na obiara rentena hɔ.
38Wɔn nyinaa bobom sɛ agyata,
wɔpopo so sɛ agyata mma.
39Sɛ wɔn ho yɛ wɔn hyew a, mɛtow wɔn nsapon,
na mama wɔabobow na wɔn ho asɛpɛw wɔn,
na wɔada daa nna, na wɔannyan,
AWURADE asɛm ni.
40Mɛtwe wɔn masian sɛ, nguammaa makɔ okum mu,
sɛ adwennini ne mpapo nyinaa.
41 Yer 25.26 Wɔafa Sesak, a ɛne Babel
agye asase nyinaa ayeyi no dɛn ara!
Babel adan
amanaman mu ahodwiriwde dɛn ara!
42Ɛpo asram Babel so,
n’asorɔkye huuyɛ akata so.
43Ne nkurow adannan amamfo,
asase kesee ne nkyerekyerewa,
asase a obiara nte so
na onipa ba biara mfa so.
44 Yer 50.2 Na mɛba mabɛtwe Bel aso, Babel hɔ,
na mayi nea wamene no afi n’anom,
na amanaman rensen nkɔ ne nkyɛn bio;
Babel afasu nso ahwe ase.
45 Yer 51.6 Me man, mumfi adi mfi ne mu,
na munnyigye mo kra nkwa
mfi AWURADE abufuw mu gya no ano.
46Nso mommma mo koma nntu, na munnsuro
akwansosɛm a wɔbɛte asase so no ho,
na akwansosɛm bɛba afe bi so,
na ɛno akyi afe no, akwansosɛm bɛba;
na nhyɛso wɔ asase no so,
nea odi tumi sɔre hyɛ nea odi tumi.
47Ɛno nti hwɛ, nna bi reba
a mɛba abebu Babel ahoni no atɛn,
na n’asase nyinaa ani awu,
na n’atɔfo nyinaa ahwehwe ase wɔ so.
48 Adi 18.20 Na ɔsoro ne asase
ne nea ɛwom nyinaa
bɛto Babel ho ahurusi dwom,
na asɛefo befi atifi fam aba no so,
AWURADE asɛm ni.
49Babel nso, sɛ wɔmaa Israel atɔfo hwehwee ase no,
saa ara na Babel nso asase nyinaa so atɔfo bɛhwehwe ase.
50 Nnw 137.5 Mo a moafi mu afi afoa ano no,
monnantew nkɔ, munnnyina!
Mumfi akyirikyiri nkae AWURADE,
Yerusalem nso mmra mo komam.
51Yɛn ani awuwu, na yɛate nsopa,
ahohora akata yɛn anim,
efisɛ ananafo aba
AWURADE fi akronkronne so.
52Ɛno nti, hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni,
sɛ mɛba mabebu n’ahoni no atɛn,
na atɔfo bɛpenepene
n’asase nyinaa so.
53Sɛ Babel foro kɔ ɔsoro po,
na sɛ ɔhyɛ n’aban a ɛkorɔn mu den dɛn ara a,
me nkyɛn ara na asɛefo befi aba no so,
AWURADE asɛm ni.
54Tie! Wɔte nteɛm fi Babel
ne obubu kɛse fi Kaldeafo asase so;
55na AWURADE resɛe Babel,
ɔrema emu gyegyeegye no to atwa;
na wɔn asorɔkye yɛ huu sɛ nsu bebree,
wɔn nne hooyɛ gyigye.
56 Deut 32.35 Na ɔsɛefo aba Babel so,
na wɔkyekyere ne nnɔmmarima,
wobubu wɔn ta mu,
efisɛ ananmuhyɛ Nyankopɔn ne AWURADE,
obetua ne nyinaa so ka.
57 Yer 51.39 Na mɛma ne mmapɔmma ne n’anyansafo
ne n’amradofo ne ne man mpanyimfo ne ne nnɔmmarima abobow,
na wɔadeda daa nna a wɔrennyan,
ɔhene a ne din de asafo AWURADE no asɛm ni.
58 Hab 2.13 Sɛ asafo AWURADE se ni:
Babel afasu a atrɛw tɛtrɛɛ no,
wobedwiridwiriw ama ase ada hɔ fann,
na kurow ano apon a ɛkorɔn no,
wɔde ogya bɛhyew,
na aman adwuma a wɔyɛe no ayɛ hunu,
na ogya ahyew nea nkurɔfo dodow abrɛ ho no.
Wɔde Yeremia nkra no kɔ Babel59 Yer 36.4 Asɛm a odiyifo Yeremia de hyɛɛ Maaseia ba Neria ba Seraia, bere a ɔne Yuda hene Sedekia kɔɔ Babel, n’ahenni afe a ɛto so anan mu no; nso na Seraia di apiafohene.
60Na Yeremia kyerɛw mmusu a ɛbɛba Babel so no hyɛɛ nhoma biako mu, nsɛm a wɔakyerɛw Babel ho yi nyinaa.
61Na Yeremia ka kyerɛɛ Seraia sɛ: Sɛ wudu Babel a, hwɛ na kenkan nsɛm yi nyinaa,
62na ka sɛ: AWURADE, wo na woakasa atia ha yi sɛ wubetutu a obiara rentena mu, efi nnipa so kosi afieboa so, na mmom adan daa amamfo ara nko.
63Adi 18.21 Na sɛ wuwie nhoma yi kenkan a, wode ɔbo akyekyere ho na woatow akyene Eufrate mu
64aka sɛ: Saa ara na Babel bɛmem a ɛrensɔre bio, mmusu a mede mereba no so nyinaa nti, na wɔawie sa.
Ɛha na Yeremia nsɛm no pem.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.