Atemmufo 6 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Gideon frɛ

1Na Israelfo yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Midian nsa mfe asɔn.

2Na Midian nsa yɛɛ Israel so den. Midian nti Israelfo yɛɛ atu a ɛwɔ mmepɔw mu ne abodan ne hintabea fae.

3 Ɛda so wɔ Ofra a ɛyɛ Abi-eserfo de no de besi nnɛ.

25 2 Ah 11.18; 23.12-15 Na anadwo no ara AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Fa w’agya nantwinini, nantwinini a ɔto so abien a wadi mfe ason no, na koburuw Baal afɔremuka a ɛyɛ w’agya de no, na twitwa ɛho Asera nnua no gu.

26Na si afɔremuka ma AWURADE wo Nyankopɔn, bepɔw a ɛyɛ den yi atifi, sɛ ɛho nhyehyɛe te. Na fa nantwinini a ɔto so abien no bɔ ɔhyew afɔre Asera nnua a wubetwa no nnyina no so.

27Na Gideon faa ne nkoa mu mmarima du, na ɔyɛe sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ no no; na sɛ osuro n’agya fi ne kurom hɔfo no sɛ ɔbɛyɛ no awia nti, ɔyɛɛ no anadwo.

28Na kurom hɔfo no sɔree anɔpa no, na hwɛ, wɔaburuw Baal afɔremuka no, na wɔatwitwa ɛho Asera nnua no, na wɔahyew nantwinini a ɔto so abien no, afɔremuka a wɔasi no so.

29Na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hena na odii saa asɛm yi? Na wobisa hwehwɛɛ akyiri kwan; na wose: Yoas ba Gideon na odii saa asɛm yi.

30Na kurom hɔfo ka kyerɛɛ Yoas sɛ: Yi wo ba no bra na ommewu, efisɛ waburuw Baal afɔremuka na watwitwa ɛho Asera nnua no.

311 Ah 18.21 Ɛnna Yoas ka kyerɛɛ nnipa a wɔsɔre hyɛɛ no no nyinaa sɛ: So mo na mobɛko ama Baal, anaasɛ mubegye no? Nea ɔbɛko ama no no, wonkum no anɔpa yi; sɛ ɔyɛ onyame a, ɔno ara nko mma ne ho, sɛ wɔaburuw n’afɔremuka.

32Na wɔfrɛɛ no Yerubaal da no ara se: Baal ne no nni sɛ waburuw n’afɔremuka.

33Na Midian ne Amalek ne Apueifamfo n nyinaa bɛboaa wɔn ho ano, na wotwa bɛbɔɔ nsra Yesreel bon mu.

34Ate 3.10; 11.29; 13.25 Na AWURADE honhom sii Gideon so, na ɔhyɛn torobɛnto, na Abi-eserfo hyia bedii n’akyi.

35Na ɔsomaa abɔfo kɔɔ Manase nyinaa, na wɔn nso hyiae bedii n’akyi. Na ɔsomaa abɔfo kɔɔ Aser ne Sebulon ne Naftali, na wɔforo bae behyiaa no.

36Na Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Sɛ ɛwom sɛ me so na worebɛfa agye Israel sɛnea wokae no a,

37hwɛ, mede oguanten nwi merebɛhata awiporowbea; sɛ obosu tɔ nwi no nko so, na fam hɔ nyinaa wo a, ɛno na mehu sɛ me so na wobɛfa agye Israel, sɛnea wokae no.

38Na n’adekyee anɔpa a ɔsɔree no, okyim nwi no, na okyii nwi no mu obosu hyɛɛ kora ma.

39Gye 18.30 Na Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Mma wo bo mmfuw me, na ma menkasa prɛko yi bio. Ma memfa nwi no mensɔ menhwɛ prɛko bio: Ma nwi no nko nwo na obosu ntɔ ngu fam hɔ nyinaa.

40Na Onyankopɔn yɛɛ saa anadwo no, na nwi no nko woe, na fam hɔ nyinaa, obosu tɔ guu hɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help