Gyenesis 50 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Yakob wu

1 Gye 46.4 Na Yosef de n'anim kobutuw n'agya anim, na osu guu no so, na ofew n'ano.

2Na Yosef hyɛɛ ne nkoa a wɔhyɛ amu aduru no sɛ wɔnhyɛ n'agya amu no aduru. Na wɔyɛɛ saa.

3Na wɔde adaduanan dii ho dwuma, nna a wɔde wie aduruhyɛ no nen. Na Misraimfo suu no adaduɔsɔn.

4Na nna a wɔde suu no no twaam no, Yosef ka kyerɛɛ Farao fifo sɛ: Sɛ manya ɔdom wɔ mo anim a, munkoyi Farao asitiw sɛ:

5Gye 47.29-30 M'agya ma mekaa no ntam sɛ: Hwɛ, merewu, na ɔda a mabɔ wɔ Kanaan asase so mafa no mu, ɛhɔ na kosie me. Enti ma menkɔ minkosie m'agya, na mensan memmra.

6Na Farao kae se: Kɔ na kosie w'agya, sɛnea ɔma wokaa ntam no.

7Na Yosef kɔe sɛ, okosie n'agya; na Farao nkoa nyinaa, ne fi mpanyimfo ne Misraim asase so mpanyimfo nyinaa

8ne Yosef fifo nyinaa ne ne nuanom ne n'agya fifo kaa ne ho kɔe, gye wɔn mma ne wɔn nguan ne wɔn anantwi na wogyaw wɔn Gosen asase so.

9Na nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo ne no kɔe; na ɛyɛ dɔm kɛse.

10Na woduu Atad awiporowbea a ɛwɔ Yordan agya no hɔ no, wotwaa kwadwom kɛse a emu yɛ den wɔ hɔ, na ogyam n'agya nnansɔn.

11Na ɛhɔfo, Kanaanfo no, huu osu a wosuu no Atad awiporowbea hɔ no, wɔkae sɛ: Eyi de, Misraimfo ayi a emu yɛ den ni. Enti wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Abelmisraim ase ne: Misraimfo ayiyɛ, ɛwɔ Yordan agya noho.

12Gye 49.29 Na ne mma yɛɛ no sɛnea ɔhyɛɛ wɔn no.

13Gye 23.16 Na ne mma soaa no kɔɔ Kanaan asase so kosiee no wɔ: Makpela afuw so ɔbodan a ɛwɔ Mamre ntentenso a Abraham tɔɔ no wɔ Hetini Efron nkyɛn de yɛɛ asiei no mu.

14Yosef siee n'agya wiei no, ɔne ne nuanom ne wɔn a wɔne no kɔe kosiee n'agya no nyinaa san baa Misraim.

Yosef de ne nuanom mfomso kyɛ

15Na Yosef ne nuanom hui sɛ wɔn agya awu no, wɔkae sɛ: Ebia Yosef bɛtan yɛn, na watua yɛn bɔne a yɛyɛɛ no nyinaa so ka.

16Na wɔma wɔkɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: W'agya hyɛe ansa na ɔrewu sɛ:

17Monka nkyerɛ Yosef sɛ: Mesrɛ wo, fa wo nuanom amumɔyɛ ne wɔn bɔne kyɛ wɔn, efisɛ wɔayɛ wo bɔne. Na afei yɛsrɛ wo, fa w'agya Nyankopɔn nkoa amumɔyɛ no kyɛ wɔn. Na wɔkaa saa kyerɛɛ no no, Yosef sui.

18Na ne nuanom nso bae betwa hwee n'anim kae sɛ: Hwɛ, yɛyɛ wo nkoa.

19Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munnsuro, na migyina Onyankopɔn ananmu anaa?

20Gye 45.5; Yes 28.29 Na mo de, mudwen me ho bɔne, nanso Onyankopɔn de, na ɔde rebɛyɛ papa, sɛ ɔbɛyɛ nea ada adi nnɛ yi, sɛ obegye nnipa pii nkwa.

21Na afei munnsuro. Na mɛhwɛ mo ne mo mma. Na ɔkyekyee wɔn werɛ twaa wɔn bo tɔɔ wɔn yam.

22Na Yosef ne n'agya fifo tenaa Misraim, na Yosef dii mfirihyia ɔha ne du.

23 Gye 30.3 Na Yosef huu Efraim mmanana. Manase ba Makir mma nso, wɔwoo wɔn guu Yosef srɛ so.

Yosef wu

24 Heb 11.22 Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Merebetiw nananom wɔ asamando, na Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo ampa, na wabeyi mo afi asase yi so akɔ asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob no so.

25 Eks 13.19; Yos 24.32 Na Yosef maa Israel mma kaa ntam, na ɔkae sɛ: Ampa ara Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo, na monsoa me nnompe mfi ha nkɔ.

26Na Yosef wui, na wadi mfirihyia ɔha ne du. Na wɔhyɛɛ n'amu no aduru na wɔde no too adaka mu wɔ Misraim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help