Nnwom 132 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Mpae a Dawid nti wɔbɔ ma SionMforoso dwom

1AWURADE, kae Dawid brɛ ne ne bɔhyɛ nyinaa,

2 2 Sa 7 sɛnea ɔkaa AWURADE ntam

na ɔhyɛɛ Yakob tumfo no bɔ sɛ:

3Merenkɔ me fi ntamadan mu,

meremforo me mpa so mpikyi,

4meremma m’aniwa nna,

m’anisuatɛtɛ rentɔ nko

5 Aso 7.46 kosi sɛ menya baabi mama AWURADE,

tenabea bi ama Yakob Tumfo no ansa.

6 1 Sa 7.1; 2 Sa 6.3 Hwɛ, yɛkɔtee wɔ Efrata,

yekohuu wɔ Yaar asase so.

7Momma yɛnkɔ ne tenabea

nkɔkotow ne nan ntiaso anim ɛ.

8 Num 10.35; 2 Be 6.41-42 AWURADE, sɔre kɔ wo homebea,

wo ne wo tumi adaka no.

9Ma w’asɔfo nhyɛ trenee,

na ma w’ahotefo nni ahurusi.

10Esiane w’akoa Dawid nti,

nnan nea woasra no no ani.

11 Nnw 89.3 AWURADE aka Dawid ntam nokwarem a ɔnnan ani:

Mede wo yafumma mu bi matena w’agua so mama wo.

12Sɛ wo mma di m’apam ne m’adanse

a mɛkyerɛkyerɛ wɔn no so a,

wɔn mma nso bɛtena w’agua so daa.

13 Nnw 68.16; 76.2 Na AWURADE apaw Sion,

wapɛ hɔ de ayɛ ne tenabea.

14Eyi ne me homebea daapem,

ɛha na mɛtena, na mepɛ ha.

15Mede nhyira mehyira n’adidide,

mɛma n’ahohiafo aduan adi amee.

16Na mede nkwagye mɛhyɛ n’asɔfo,

na n’ahotefo bɛto ahurusi dwom.

17 Luka 1.69; Nnw 89.24 Ɛhɔ na mɛma tumi afi ama Dawid,

masiesie ɔkanea hann mama nea masra no no.

18Mɛhyɛ n’atamfo aniwu,

na ɔno de, n’ahenkyɛw bɛhyerɛn n’atifi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help