Yeremia 50 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Babel asehwe

1 Yes 13.14 Asɛm a AWURADE nam odiyifo Yeremia so ka tiaa Babel ne Kaldeafo asase no ni:

2 Yes 46.1 Monka amanaman mu, momma wɔnte

na munsi frankaa, momma wɔnte,

na munnsiw so, monka sɛ:

Wɔafa Babel,

wɔakum Bel aniwu,

wɔayɛ Merodak pasaa,

wɔakum n’ahoni aniwu,

wɔayɛ n’abosom pasaa.

3Na ɔman bi fi atifi fam retu no so sa; wɔn na wɔbɛyɛ n’asase no amamfo, a obiara rentena so, nnipa ne mmoa nyinaa betu akɔ.

4 Yer 31.9 Nna no mu ne bere no mu no, AWURADE asɛm ni, Israel mma bɛba, wɔne Yuda mma bɛbom aba, wɔde ɔnantesu bɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn.

5Wobebisa Sion akyi kwan, ɛhɔ na wɔn ani kyerɛ: Mommra mma yɛnkɔfam AWURADE ho, daa apam a werɛ remfi mu.

6Me man adan nguan a wɔayera, wɔn ahwɛfo ama wɔafomfom kwan adannan akɔ mmepɔw so; wɔafi bepɔw so akɔ koko so, wɔn werɛ afi wɔn dabere.

7Wɔn a wɔto wɔn nyinaa tetew wɔn, na wɔn ahohiafo ka sɛ: Yennii so ɛ! Esiane sɛ wɔayɛ AWURADE bɔne, trenee tenabea ne wɔn agyanom anidaso AWURADE no.

8 Yer 51.6, 45 Munguan mfi Babel, na mumfi Kaldeafo asase so nkɔ, na monyɛ sɛ mpapo a wodi nguan anim.

9Na hwɛ, me na menyan amanaman akɛse asafo mama wɔafi benkum fam asase so atu Babel so sa, na wɔatwa ne ho mpasua, ɛhɔ na wobefi afa no, wɔn agyan yɛ sɛ dɔmmarima a waben, ɔnsan n’akyi kwa.

10Na Kaldeafo bɛdan asade, wɔn a wɔbɛfow no nyinaa bɛmeemee, AWURADE asɛm ni.

11 Deut 32.27; Yes 10.5, 7, 15 Esiane sɛ mo ani gye, na mudi ahurusi,

mo a mofom m’agyapade no,

na muduɔbo sɛ nantwiforo, sare momono mu,

na mobɔ mmɔn sɛ apɔnkɔ akunini nti,

12mo na ani bewu pa ara,

mo wofo anim begu ase:

Hwɛ, ɔbɛyɛ amanaman mu kyirikafo,

sare nkyerekyerewa ne sare pradada.

13 Yer 51.37; 49.17 AWURADE abufuhyew nti obi rentena hɔ

na ne nyinaa bɛdan amamfo koraa;

obiara a otwam Babel ho no ho bedwiriw no,

na wabɔ n’amanehunu no nyinaa ho hwirema hwee hwee.

14Mommae mu ntwa nhyia Babel ho,

mo a mukuntun ta mu nyinaa;

montotow no, monnkyɛe agyan so,

efisɛ wayɛ AWURADE bɔne.

15 Adi 18.6 Mommɔ no so ose nhyia.

Ɔde ne ho ama,

ne nnyinaso ahwehwe ase,

n’afasu adwiriw,

na AWURADE aweretɔ ne no;

montɔ mo were no so,

monyɛ no sɛnea ɔyɛe no.

16Muntwa ogufo mfi Babel,

ne nea oso kantankrankyi mu twabere mu no.

Esiane atirimmɔden afoa no nti

wɔn nyinaa bɛsan akokɔ wɔn nkurɔfo mu,

na wɔaguanguan akokɔ wɔn asase so.

17Israel yɛ oguanten a wayera a agyata apam no kɔ; kan no, Asaria hene na ɔtetew no, na akyiri yi, ne nnompe po, Babel hene Nebukadnesar abubu mu.

18Enti sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mereba mabɛtwe Babel hene ne n’asase aso, sɛnea meba mebɛtwee Asaria hene aso no,

19na mede Israel masan maba ne yɛmmea, na wabedidi Karmel ne Basan, na ne kra amee, Efraim bepɔw so ne Gilead.

20Yer 31.34; 33.8 Nna no mu ne bere no mu, AWURADE asɛm ni, na wɔbɛtwee Israel amumɔyɛ, nso na enni hɔ, ne Yuda bɔne, na wɔrenhu, na mede mefiri wɔn, a mema wɔkae no.

Merataim ho atemmusɛm

21Tu Merataim, ase ne: Atuatew mmɔho asase,

ne Pekod a ase ne: Asotwe nkurɔfo no so sa.

Sɛe wɔn,

na hyew di wɔn akyi,

AWURADE asɛm ni,

na yɛ sɛnea mehyɛɛ wo no nyinaa.

22Nnɔnkoe gyegyeegye

ne ɔsɛe kɛse wɔ asase no so.

23 Yer 51.20 Wɔatwitwa na wɔabubu asase nyinaa asɛe no dɛn ara!

Babel adan amamfo

amanaman mu dɛn ara.

24Masum wo afiri na wɔayi wo nso, Babel,

na wo de, woanhu;

wohuu wo kyeree wo nso,

efisɛ wo ne AWURADE na adi aperepere.

25AWURADE ahiɛ n’akorabo dan,

na wayi n’abufuhyew akode,

efisɛ AWURADE, asafo AWURADE wɔ adwuma bi yɛ,

wɔ Kaldeafo asase so.

26Mumfi ano noho mmra no so,

munhiɛ n’asan,

monsesaw ngu hɔ sɛ awi akuakuw, na monsɛe no koraa,

mommma biribiara nnka mmma no.

27Munkunkum n’anantwinini nyinaa;

momma wonsian nkɔ okum mu.

Wonnue, efisɛ wɔn da,

wɔn asotwe bere adu.

28Wɔte aguanfo ne wɔn a wɔafi mu afi Babel asase so nne, na wɔbɛka AWURADE yɛn Nyankopɔn aweretɔ, n’asɔrefi ho aweretɔ Sion hɔ.

29 Yer 50.15 Momfrɛ agyantofo nkɔtoa Babel, wɔn a wokuntun ta nyinaa, mommɔ ne ho nsra nhyia. Mommma obiara mmfi mu mmfi. Munsusuw ne nneyɛe so nhyɛ no ananmu, sɛ ɔyɛe no nyinaa, monyɛ no saa ara, efisɛ wadi AWURADE, Israel kronkronni no so ahantansɛm.

30Enti ne mmerante bɛtotɔ ne mmorɔn so, na n’akofofo nyinaa bɛdwerɛw ɛda no, AWURADE asɛm ni.

31Ɔhantanni, hwɛ, me ne wo na anya,

AWURADE, asafo Nyankopɔn, asɛm ni,

efisɛ wo bere adu,

w’asotwe bere adu.

32Na ɔhantanni behintiw ahwe ase,

na obi nni hɔ a ɔbɛma no so;

na masɔ ne nkurow mu gya,

na ahyew atwa ne ho nyinaa ahyia.

33Sɛ asafo AWURADE se ni: Wɔhyɛ Israel mma ne Yuda mma nyinaa so, na wɔn a wɔafa wɔn nnommum nyinaa kurakura wɔn mu, wɔmpɛ sɛ wogyaa wɔn.

34Wɔn gyefo no nso ho yɛ den, asafo AWURADE ne ne din; odi na ɔne wɔn ho asɛmpɛfo no bedi, sɛnea ɛbɛyɛ na wama asase no ahome, na wahyɛ Babelfo ahometew.

Afoa ho atemmusɛm

35Afoa wɔ Kaldeafo so, AWURADE asɛm ni,

ne Babelfo so

ne wɔn mmapɔmma ne wɔn anyansafo so.

36Afoa wɔ atoro akɔmfo no so,

na wɔadannan nkwasea;

afoa wɔ wɔn nnɔmmarima so,

na wɔasɛe wɔn.

37 Yer 51.30 Afoa wɔ wɔn apɔnkɔ ne wɔn nteaseɛnam

ne asraafo afrafrafo a wɔwɔ kurow no mu no nyinaa so,

na wɔadannan mmea;

afoa wɔ n’akorade so

na wɔafow wɔn;

38ɔyow wɔ ne nsu so na ayoyow,

efisɛ ɛyɛ ahoni asase,

na wɔbobɔ abosom

a ɛyɛ hu ho dam.

39Ɛno nti sare so mmoa ne nkuntumpaa bɛtena hɔ, na nsohori bɛtena mu; na nnipa rentena mu da biara da, awo ntoatoaso a edidi so mu biara renkyekye bio.

40Gye 19.24-25 Sɛ Sodom ne Gomora ne ɛho nkurow a Onyankopɔn butuwii no, AWURADE asɛm ni, obi bi rentena hɔ, na onipa ba biara rensoɛ mu hɔho.

41 Yer 50.9 Hwɛ, ɔman bi fi atifi fam reba,

na ɔman kɛse bi ne ahene bebree

ahwanyan wɔn ho afi asase ano tɔnn.

42 Yer 6.23 Wokurakura ta ne pɛmɛ;

wɔn ho yɛ den, na wonhu mmɔbɔ;

wɔn nne yɛ huu sɛ ɛpo,

na wɔtete apɔnkɔ so asiesie wɔn ho sɛ akofofo,

atu wo, Babel babea, so sa.

43Babel hene ate wɔn nka,

na ne nsam agow;

ahohia akyere no,

ne ɛyaw sɛ ɔbea a ɔwɔ awo mu.

44 Yer 49.19-21 Hwɛ, ɔforo sɛ gyata a ofi Yordan kwae no mu reba ne daa afe aduan so, na mɛma waguan afi hɔ afrɛso, na nea wɔayi no no, ɔno na mede no mesi so. Na hena na ɔte sɛ me? Na hena na obehyia me? Na hena ne oguanhwɛfo a obetumi agyina m’anim?

45Enti muntie AWURADE agyina a watu Babel ho, ne n’atirimpɔw a wabɔ Kaldeafo asase ho no, ampa ara, wɔbɛtwe wɔn sɛ nguan mu nkumaa no akɔ; ampa ara, wɔn ho bɛyɛ wɔn tenabea ahodwiriw.

46Na sɛ wɔte dede sɛ: Wɔafa Babel nnommum pɛ! Asase no bɛwosow, na wɔbɛte n’abubuwbɔ amanaman mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help