1 Yoh 12.38; Rom 10.16; Yes 52.10 Hena na wagye yɛn asɛnka no adi,
na AWURADE basa no, hena so na ada adi ma wahu?
2 Yes 11.1 Na ofifii sɛ duforo n’anim,
sɛ asase kesee mu ntini;
onni su anaa anuonyam, a ɛma yɛhwɛ no,
na hwee nni ne ho a ɛbɛma yɛn ani agye ne ho.
3 Nnw 22.6-7; Mar 9.12 Wobuu no animtiaa, na nnipa paa no,
ɔyɛ onipa a ohuu ayayade na onim yare,
sɛ obi a nnipa yi wɔn ani hintaw no,
wobuu no animtiaa na yɛammu no hwee.
4 Mat 8.17 Ampa, yɛn mmerɛwyɛ no,
ɔno na wafa, na yɛn nyarewa nso, wasoa.
Na yɛn de, yebuu no sɛ nea wɔahwe no,
nea Onyankopɔn aka no de no ahyɛ amane mu.
5 1 Pe 2.24 Na ɔno de, yɛn mmarato nti na wopiraa no,
yɛn amumɔyɛ nti na wɔdwerɛw no;
yɛn asomdwoe ho asotwe daa no so,
na ne mmaa atape na wɔde asa yɛn yare.
6 1 Pe 2.25; 2 Ko 5.21 Yɛn nyinaa wowɔɔ ntwɛtwɛdɛ sɛ nguan,
yɛdannan fofaa yɛn akwan so,
na AWURADE maa yɛn nyinaa
amumɔyɛ kɔhwee no so.
7 Yoh 1.29; Aso 8.32 Wɔhyɛɛ no ahoɔyaw, na ɔno de, ɔbrɛɛ ne ho ase
na wammue n’ano,
sɛ oguammaa a wɔde no rekɔ akokum no,
sɛ oguanten a watɔ ne ho twitwafo anim mumu no,
ɔno nso wammue n’ano.
8Wɔde atɛnkyew yii no kɔe;
ne beresofo nso, hena na odwen ho
na wohwim no fii ateasefo asase so,
na me man mmarato nti na wɔbobɔɔ no?
9 1 Pe 2.22; 1 Yoh 3.5 Na wɔmaa ne damoa fraa abɔnefo
ne ɔdefo de mu wɔ ne wu mu,
nanso wanni abɔnefosɛm,
na nnaadaa nni n’anom.
10 Nnw 22.30 Na ɛsɔɔ AWURADE ani sɛ ɔdwerɛw no bɔɔ no yare.
Sɛ onya de ne kra to hɔ yɛ asodi afɔre a, obehu asefo, ne nna bɛware,
na nea ɛsɔ AWURADE ani afa ne nsa so ayɛ yiye.
11 Rom 10.4; 2 Ko 5.21; Yoh 1.29 Obehu ne kra brɛ no so ade amee.
Ne hu mu na m’akoa treneeni no benya trenee ama nnipa pii,
na ɔno ara afa wɔn amumɔyɛ nso asoa.
12 Mar 15.28; Luka 22.37; 23.34 Ne saa nti mɛkyɛ ade mu mama no,
nnipa bebree mu, na ɔne ahoɔdenfo akyɛ asade,
efisɛ ɔde ne kra too hɔ maa owu,
na wɔabu no afra mmaratofo,
nso ɔno na wasoa nnipa bebree bɔne,
na wadi ama mmaratofo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
