Nnwom 140 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Bammɔ ho mpaebɔWɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom

1O! Awurade, yi me fi nnipa bɔne nsam,

bɔ me ho ban, onipa kokobirifo ho.

2Wodwen bɔne wɔn komam,

daa nyinaa wɔka ɔko.

3

4O! Awurade, hwɛ me so fi ɔbɔnefo nsam,

bɔ me ho ban, onipa kokobirifo ho,

na wɔabɔ wɔn tirim pɔw sɛ wobebutuw m’anammɔn.

5Ahantanfo de afiri ne nhama ato hɔ ama me,

wɔasum me nsɛmma ɔkwankyɛn, wɔasum me apa. Sela

6

9 Nnw 7.16 Wɔn a wotwa me ho hyia de,

ma wɔn anom mmusu mmua wɔn atifi.

10Ma nsramma ngu wɔn so,

ma wɔmfa wɔn ngu ogya mu,

aku donkudonku mu a wɔrensɔre bio.

11Mma ɔtɛkrɛmafo nntim asase so,

ɔkokobirifo, ma bɔne ntiw no yerɛdɛdɛ.

12Minim sɛ Awurade bedi mmɔboroni asɛm,

obebu atɛn ama ahiafo.

13Ampa, treneefo bɛda wo din ase,

teefo bɛtena w’anim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help