Yesaia 6 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Onyankopɔn frɛ Yesaia bɛyɛ odiyifo

1 Yoh 12.41 Afe a ɔhene Usia wui no mu no, mihuu Awurade sɛ ɔte agua a ɛkorɔn a wɔama so so, na n’atade mmuano ayɛ asɔrefi ma.

2Serafim gyinagyina no ho. Wɔn mu biara wɔ ntaban asia. Wɔn mu biara de abien kata wɔn anim, na wɔde abien kata wɔn nan ho, na wɔde abien nso tu.

3 Adi 4.8; Hab 3.3 Na oyi teɛm kyerɛ oyi sɛ:

Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo AWURADE!

N’anuonyam ahyɛ asase nyinaa ma.

4 Hes 10.4; Adi 15.8 Na apon ase wosowee, nea ɔkasa no nne nti, na owusiw yɛɛ ɔdan no ma.

5 Eks 33.20 Ɛnna mekae sɛ: Minnue, na mayera: Na meyɛ onipa a m’ano ho ntew, na mete ɔman a wɔn ano ho ntew mu, efisɛ ɔhene, asafo AWURADE, na m’aniwa ahu no yi.

6Ɛnna Serafim no mu biako tu baa me nkyɛn, okura nsramma a ɔde dabaw kɔfae afɔremuka no so;

7Sak 3.4 na ɔde kaa m’ano kae sɛ: Hwɛ, eyi aka w’ano, na wɔayi w’amumɔyɛ kɔ, na wɔakata wo bɔne so.

8Na metee Awurade nne sɛ ose: Hena na mensoma no, na hena na ɔbɛkɔ ama yɛn? Na mise: Mini, soma me!

9Mat 13.11-15; Yoh 12.40; Aso 28.26-27 Na ose: Kɔ na kɔka kyerɛ ɔman yi sɛ:

Ɔte ara na monte, na monnte ase,

na ohu ara na munhu, na munnhu mu.

10 Deut 29.4 Ma ɔman yi koma mpirim,

na wɔn aso nyɛ den,

na ka wɔn ani fomfam,

na wɔamfa wɔn aniwa anhu,

na wɔamfa wɔn aso ante,

na wɔn koma anhu mu,

na wɔansakra, na wɔansa wɔn yare,

11Na mise: Oo Awurade, enkosi da bɛn? Na ose:

Enkosi sɛ nkurow bɛdan akurofo

a obi nte mu,

na afi ada ntuw a onipa nni mu,

na asase no asɛe ayɛ afo koraa,

12na AWURADE aka nnipa akɔ akyirikyiri,

na amamfo adɔɔso wɔ asase no so.

13 Yes 4.3 Na sɛ ɛka abupɛn du mu biako wɔ mu po a,

wɔbɛsan ahyew wɔn bio,

sɛ odum anaa dupɔn

a wɔatow ahwe fam,

na esin si hɔ:

Na asefo kronkron ne ne dunsin no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help