1Na ɛbae sɛ ɔhene Dario afe a ɛto so anan mu no Awurade asɛm baa Sakaria nkyɛn, ɔsram a ɛto so akron a ɛne Kislew no da a ɛto so anan.
2Na Betelfo somaa Sareser ne Regem-melek ne ne nnipa bae, sɛ wɔmmɛkotow nsrɛ Awurade anim,
3Sak 8.19; Yer 52.12 na wɔnka nkyerɛ asafo Awurade fi asɔfo ne adiyifo no sɛ: So minsu ɔsram a ɛto so anum no so, na menkyen me ho kɔm, sɛnea meyɛe mfe dodow a ɛte sɛɛ yi anaa?
4Ɛnna asafo Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
5Sak 8.19; Yes 58.5 Bisa asase no so aman nyinaa ne asɔfo no sɛ: Mokyen kɔm na mudii nkɔmmɔ, ɔsram a ɛto so anum ne nea ɛto so ason so, mfe aduɔsɔn yi no, mokyen maa me anaa?
6Nanso sɛ mudidi na monom nso a, so ɛnyɛ mo ara na mudidi na monom anaa?
7So ɛnyɛ nsɛm yi na Awurade nam kan adiyifo no so ma wɔpaee mu kae, bere a Yerusalem da so wɔ hɔ a wɔte mu na emu dwo, na ne nkurow atwa ho ahyia, na wɔtete anafo fam ne tataw so no anaa?
Nea Onyankopɔn hwehwɛ fi teteete8Na Awurade asɛm baa Sakaria nkyɛn sɛ:
9Mika 6.8 Sɛ asafo Awurade se ni: Mummu nokwatɛn, na onipa ne ne nua nni no adɔe ne mmɔborohunu so;
10Eks 22.21-22 na monnhyɛ okunafo ne ayisaa, ɔhɔho ne ɔmanehunufo so, na obiara nnnwen ne nua ho bɔne ne komam.
11Na wɔampene sɛ wotie, na wɔkekaa wɔn mmati, na wɔsorow wɔn aso na wɔantie.
12Yes 48.4 Na wɔyɛɛ wɔn koma sɛ ahwehwɛbo, na wɔantie mmara ne nsɛm a asafo Awurade nam ne honhom so maa kan adiyifo no bɛkae no. Enti na abufuhyew kɛse fi asafo Awurade nkyɛn bae no.
13Na sɛnea mefrɛe na wɔantie no, saa nso na wɔbɛfrɛ na merentie, asafo Awurade na ose.
14Na mede ahum mɛfa wɔn akɔ amanaman a wonnim wɔn nyinaa mu, na wɔn akyi asase no adan afo, na obiara amfa so ankɔ ansan amma, na wɔama asase fɛfɛ no adan afo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
