1Na Israelfo kɔɔ so yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Filistifo nsa mfirihyia aduanan.
2Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ofi Sora a ofi Danfo abusua bi mu a ne din de Manoa; na ne yere yɛ obonin, na ɔnwo.
3Na AWURADE bɔfo yii ne ho kyerɛɛ ɔbea no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woyɛ obonin na wonwo, nanso wobenyinsɛn awo babarima.
4Num 6.3; Lew 11 Enti afei hwɛ wo ho yiye, na nnom bobesa anaa nsa bi, na nni biribi a ɛho ntew.
5Num 6.2-5; 1 Sa 1.11 Na hwɛ, worebenyinsɛn awo babarima a oyiwan renka ne ti, na abofra no bɛyɛ Onyankopɔn hotuafo afi yafunum, na ɔno na obefi ase agye Israel afi Filistifo nsam.
6Ɛnna ɔbea no bae bɛka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Onyankopɔn nipa bi aba me nkyɛn, na n’anim yɛ hu pa ara sɛ Onyankopɔn bɔfo anim, na mammisa no nea ofi, na ɔno nso ankyerɛ me ne din.
7Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, worebenyinsɛn awo babarima; na afei nnom bobesa anaa nsa bi, na nni biribi a ɛho ntew; na abofra no bɛyɛ Onyankopɔn hotuafo afi yafunum de akosi ne wuda.
8Na Manoa yii AWURADE mpae sɛ: O, AWURADE, ma Onyankopɔn nipa a wosomaa no no mmra yɛn nkyɛn bio, na ɔmmɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ abofra a wɔrebɛwo no no.
9Na Onyankopɔn tiee Manoa, na Onyankopɔn bɔfo no baa ɔbea no nkyɛn bio, na ɔwɔ afum a ne kunu Manoa nka ne ho.
10Na ɔbea no yɛɛ ntɛm tutuu mmirika kɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Hwɛ, ɔbarima a ɔbaa me nkyɛn nnaano no abeyi ne ho adi akyerɛ me.
11Na Manoa sɔre dii ne yere no akyi na ɔbaa ɔbarima no nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: So wone ɔbarima a wo ne ɔbea no kasae no?
12Na ose: Mene no. Na Manoa kae sɛ: Afei wo nsɛm no ba mu a, ɛdɛn ne abofra no ahyɛde, na dɛn na ɔnyɛ?
13Na AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ Manoa sɛ: Nea misee ɔbea no nyinaa ho na ɔnhwɛ ne ho yiye:
14Ate 13.4 Onnni ade biara a efi bobe mu, na ɔnnnom bobesa anaa nsa biara, na ade biara a ɛho ntew nso, onnni; nea mahyɛ no nyinaa, onni so.
15 Ate 6.18 Na Manoa ka kyerɛɛ ɔbɔfo no sɛ: Ma yensianka wo na yensiesie apapowa bi mma wo ansa.
16Na AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ Manoa sɛ: Sɛ wusianka me po a, merenni w’aduan no bi; na sɛ wobɛbɔ ɔhyew afɔre ama AWURADE a, bɔ ɛ! Na Manoa nnim sɛ ɔyɛ AWURADE bɔfo.
17Gye 32.29 Na Manoa ka kyerɛɛ AWURADE bɔfo no sɛ: Wo din de dɛn? Na sɛ wo nsɛm no nya ba mu a, yɛahyɛ wo anuonyam.
18Na AWURADE bɔfo no see no sɛ: Ɛdɛn na wubisa me din a ɛyɛ nwonwa yi?
19Ate 6.21 Na Manoa faa apapowa ne aduan, na ɔde bɔɔ ɔhyew afɔre ɔbotan no so maa AWURADE, nea ɔyɛ anwonwade no, na Manoa ne ne yere hwɛe.
20Na ogyaframa no resɔre afi afɔremuka no so akɔ ɔsoro no, AWURADE bɔfo no foro faa afɔremuka no so gyaframa no mu kɔɔ ɔsoro. Na Manoa ne ne yere hwɛe, na wɔde wɔn anim butubutuw fam.
21Na AWURADE bɔfo no ammeyi ne ho ankyerɛ Manoa ne ne yere bio. Ɛno na Manoa huu sɛ ɛyɛ AWURADE bɔfo.
22Ate 6.22-23; Eks 33.20 Na Manoa ka kyerɛɛ ne yere sɛ: Owu na yɛrebewuwu, sɛ yɛahu Nyankopɔn yi.
23Na ne yere no ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE pɛ sɛ okum yɛn a, anka wannye yɛn nsam hyew afɔre ne aduan afɔre, na anka wanyi eyinom nyinaa ankyerɛ yɛn, na anka wamma yɛante nsɛm a ɛte sɛɛ yi saa bere yi.
24Na ɔbea no woo babarima, na ɔtoo no din Samson. Na abofra no nyinii, na AWURADE hyiraa no.
25Ate 6.34; 14.6, 19; 15.14 Na AWURADE honhom fii ase kekaa no wɔ ne mu, Dan nsra mu, Sora ne Estaol ntam.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.