1 Nnw 57.1 Na Dawid fii hɔ kɔe, na oguan kɔɔ Adulam bodan mu. Na ne nuanom ne n’agya fi nyinaa tee no, wosian kɔɔ ne nkyɛn hɔ.
2Ate 11.3 Na wɔn a wɔn ho akyere wɔn ne wɔn a ɛdede aka ne wɔn a wɔn werɛ ahow boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, na odii wɔn so safohene. Mmarima bɛyɛ ahanan na wɔbɛkaa ne ho.
3Na Dawid fii hɔ kɔɔ Mispe wɔ Moab, na ɔka kyerɛɛ Moab hene sɛ: Mesrɛ wo, ma m’agya ne me na mmɛtena mo nkyɛn nkosi sɛ mehu nea Onyankopɔn bɛyɛ me ansa.
4Na ogyaw wɔn Moab hene no nkyɛn, na wɔtenaa ne nkyɛn nna a Dawid wɔ bepɔw so atenae hɔ nyinaa.
51 Sa 23.14; Nnw 63.1 Na odiyifo Gad ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ntena bepɔw so atenae hɔ, na sim kɔ Yuda asase so. Na Dawid siim baa Heret kwae mu.
6Na Saul tee sɛ wɔahu nea Dawid ne nnipa a wɔka ne ho no wɔ. Na Saul te Gibea, ɔsantɛw bi ase wɔ koko bi so, na ne okura peaw, na ne nkoa nyinaa gyinagyina ne ho.
7Na Saul ka kyerɛɛ ne nkoa a wogyinagyina ne ho no sɛ: Mo Benyaminfo, muntie! So Yese ba no nso bɛmoma mo nyinaa mfuw ne bobe nturo na ɔde mo nyinaa asisi mpem so asafohene ne ɔha ha so asafohene?
81 Sa 18.3 Sɛ mo nyinaa moapam me tiri so, na obiara nni hɔ a oyi me asotiw sɛ me ba ne Yese ba no apam, na mo mu biara nni hɔ a odi me ho yaw na oyi me asotiw sɛ me ba de m’akoa agyina hɔ ne me redi asi, sɛ ɔntɛw me sɛnea ɛte nnɛ yi?
91 Sa 22.22; Nnw 52.1 Ɛnna Edomni Doeg a ɔno nso gyina Saul nkoa no nkyɛn no buae sɛ: Mihuu Yese ba no sɛ ɔbaa Nob, Ahitub ba Ahimelek nkyɛn,
101 Sa 21.6, 9 na obisaa AWURADE maa no, na ɔmaa no akwansoduan, na ɔde Filistini Goliat nkrante no maa no.
11Ɛnna ɔhene soma kohyiaa Ahitub ba ɔsɔfo Ahimelek ne n’agya fi asɔfo a wɔwɔ Nob no nyinaa, na wɔn nyinaa baa ɔhene nkyɛn.
12Na Saul kae sɛ: Ahitub ba, tie ɛ! Na obuae sɛ: Mini, me wura.
13Na Saul ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na wo ne Yese ba no apam me tiri so, na womaa no aduan ne nkrante, na wubisaa Onyankopɔn maa no, sɛ ɔnsɔre ntɛw me sɛnea ɛte nnɛ yi?
141 Sa 18.22, 27 Na Ahimelek buaa ɔhene sɛ: Na wo nkoa nyinaa mu hena na ɔyɛ ɔnokwafo sɛ Dawid a ɔyɛ ɔhene sew, na otie w’asɛm, na wodi no ni wɔ wo fi?
15So nnɛ na merefi ase mabisa Onyankopɔn mama no anaa? Eyi mpare me! Mma ɔhene mmfa asɛm bi nnto n’akoa anaa m’agya fi nyinaa so, na w’akoa nnim eyinom nyinaa ho hwee, ketewa oo, kɛse oo!
16Na ɔhene kae sɛ: Ahimelek, owu ara na wubewu, wo ne w’agya fi nyinaa.
17Na ɔhene ka kyerɛɛ mmirikatufo a wogyinagyina ne ho no sɛ: Monnannan mo ho nkum AWURADE asɔfo no, na wɔn nsa nso wɔ Dawid de mu, na wonim sɛ ɔreguan, na wɔanyi me asotiw. Na ɔhene nkoa no ampɛ sɛ wɔteɛ wɔn nsa ka AWURADE asɔfo no.
18Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Doeg sɛ: Wo de, dan wo ho ka asɔfo no. Na Edomni Doeg dan ne ho na ɔkaa asɔfo no kum mmarima aduɔwɔtwe anum a wɔhyɛ nwera asɔfotade no da no ara.
191 Sa 21.1 Na asɔfo kurow Nob no nso, ɔde nkrante kunkum wɔn; mmarima ne mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi ne mfurum ne nguan nyinaa na ɔde nkrante kunkum wɔn.
20Na Ahitub ba Ahimelek babarima biako a wɔfrɛ no Abiatar fii mu guan tiw Dawid.
21Na Abiatar ka kyerɛɛ Dawid sɛ Saul akum AWURADE asɔfo no.
221 Sa 22.9 Na Dawid ka kyerɛɛ Abiatar sɛ: Da no a Edomni Doeg wɔ hɔ no na mihui sɛ ɛyɛ dɛn ara a, ɔbɛkɔ akɔka akyerɛ Saul; me na midi w’agya fi akra nyinaa ho so.
23Tena me nkyɛn, nsuro, na nea ɔhwehwɛ me akum me no ara na ɔhwehwɛ wo nso. Na me nkyɛn de, wɔbɛhwɛ wo so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.