Yesaia 42 - KYER?W KRONKRON(RATB)

AWURADE akoa no

1 Yes 49.1-6; 52.13; 41.8; Mat 12.18-21; 3.17 Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden ni,

nea mapaw no a me kra ani sɔ no;

mede me honhom magu no so;

ɔde atemmu befi akɔ amanaman mu.

2Ɔrenteɛm na ɔremma ne nne so,

anaa ɔremma wɔnte ne nne abɔnten so;

3 Nnw 34.18 demmire a ayɛ mmerɛw no, ɔremmu mu,

na kanea mu asaawa a ɛrefi wusiw no, ɔrennum;

nokware so na obeyi atemmu adi;

4n’asɛm ano rennwo, na ɔrempa abaw

de bɛkɔ akosi sɛ ɔde atemmu besi asase so,

na mpoano aman bɛtwɛn ne mmara.

5Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni,

nea ɔbɔɔ ɔsoro trɛw mu,

na ɔterɛw asase ne ne mfifii mu,

na ɔde ahome ma ɛso nkurɔfo,

na ɔde honhom ma wɔn a wɔnam so no.

6 Yes 49.6, 8 Me, AWURADE, mafrɛ wo trenee mu,

na maso wo nsa, na makora wo,

na mede wo mayɛ ɔman apam

ne amanaman hann

7 Yes 35.5 sɛ: Bue aniwa a afura,

yi apokyerɛfo fi afiase,

ne wɔn a wɔtete sum mu fi nneduadan mu.

8 Eks 3.15; Yes 48.11 Mene AWURADE, me din ne no,

na meremfa m’anuonyam mma obi,

na m’ayeyi nso, meremfa mma ahoni.

9 Yes 41.2, 27 Kan de no, hwɛ, aba mu,

na nneɛma foforo na merekyerɛ,

ennya mfii yi

merema moate.

Nkwagye a ewie pɛyɛ

10Monto dwom foforo mma AWURADE,

mumfi asase ano nto n’ayeyi dwom.

Mo a moforo ɛpo, ne nea ɛwom nyinaa,

nsuano aman ne wɔn a wɔtete so.

11Ma anweatam ne ɛso nkurow mma wɔn nne so,

nkurowa a Kedar te so no;

ma Sela mufo nto ahurusi dwom,

womfi mmepɔw atifi mmɔ ahosɛpɛw se.

12Ma wɔnhyɛ AWURADE anuonyam,

na wɔnka n’ayeyi mpoano aman mu.

13AWURADE befi adi sɛ dɔmmarima,

ɔbɛhwanyan n’abufuw mu sɛ ɔkofoni;

obehuro, ɔbɛbɔ ose;

obedi n’atamfo so abaninsɛm.

14Mifi muaa m’ano akyɛ,

mayɛ komm, masianka me ho;

afei mɛbom sɛ ɔwofo a ɔrekyem;

mɛhome hahyeehahyee

na magu ahome prɛko.

15Mɛma mmepɔw ne nkoko atwintwam,

na mama ɛso nhaban nyinaa agunguan;

na madan nsubɔnten nsupɔw,

na mayow atare nyinaa.

16 Yes 35.5, 8 Na megya anifuraefo

ɔkwan a wonnim mu so,

mɛma wɔanantew atempɔn a wonnim so so.

Mɛma sum ayɛ hann, wɔn anim,

na nea ɛyɛ abonkyiabonkyi no, mɛyɛ no tamaa.

Ade yi na mɛyɛ mama wɔn,

na merennyaw wɔn.

17 Yes 44.9-20 Na wɔn a wɔn ho da abosom so no,

wɔbɛsan wɔn akyi, na wɔn ani bewu;

wɔn a wɔka kyerɛ ogu ahoni sɛ:

Mone yɛn anyame, no.

Israel nte ase

18 Yes 43.8 Asotifo, muntie!

Na anifuraefo, monhwɛ na munhu!

19 Yes 41.8 Hena ani na afura sɛ m’akoa,

hena na n’aso asiw sɛ me bɔfo a mesoma no no?

Hena ani na afura sɛ nea ɔwɔ m’asomdwoe apam mu,

anaa hena na n’ani afura sɛ AWURADE akoa no?

20 Yes 53.1 Wahu nneɛma pii, nso ɔnhwɛ;

wɔabue n’aso, nso ɔnte asɛm.

Israel asoɔden

21AWURADE trenee nti na ɛsɔɔ n’ani

sɛ ɔbɛma mmara no ayɛ kɛse na anya anuonyam.

22Nanso wɔyɛ ɔman a wɔafow wɔn afom wɔn;

wɔama wɔakɔka ntokuru mu,

wɔde wɔn ahintaw nneduadan mu;

wɔafow wɔn a ogyefo nni hɔ,

wɔafom wɔn a nea ɔbɛka sɛ: Dan ma! Nni hɔ.

23Mo mu hena na ɔbɛyɛ eyi ho aso,

na wawɛn n’aso atie akyiri yi?

24Hena na ɔde Yakob maa ɔfom,

na ɔde Israel maa afowfo?

So ɛnyɛ AWURADE a yɛayɛ no bɔne,

na wɔampɛ sɛ wɔnantew n’akwan mu,

na wɔantie ne mmara no?

25Enti na ohwiee n’abufuhyew

ne nnɔnkoe a ano yɛ den

no guu no so, na ɔsɔɔ ne ho gya hyiae, nanso wanhu,

na ɛhyew no, nanso wamfa ansie ne komam.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help