1 Hes 25.2-7; Amos 1.13-15; Sef 2.8-11; 1 Ah 11.5 Nea ɛfa Amonfo ho:
Sɛ AWURADE se ni:
So Israel nni mmabanin,
anaasɛ onni ɔdedifo?
Efi dɛn so na wɔn hene di ade Gad,
na ne manfo tete ne nkurow mu?
2Ɛno nti, hwɛ nna bi reba,
AWURADE asɛm ni,
sɛ mɛma Amonfo kurow Raba no ate ɔko mu sebɔ,
na adan afabokuw,
na wɔde ogya ahyew ɛho nkurowa,
na Israel adi n’adedifo ade,
AWURADE na ose.
3 Yer 49.1 Hesbon, bɔ abubuw, na wɔasɛe Ai.
Raba mmabea, monteɛm,
mumfura atweaatam
ntwa agyaadwo, na munkyinkyin afasu no ntam,
na Milkom rekɔ tukɔ mu,
ɔne n’asɔfo ne ne mmapɔmma bɛbom akɔ.
4Ɛdɛn nti na wohyehye wo ho, w’ahoɔden ho?
W’ahoɔden no rekɔ fam,
ɔbabea sansani,
wode wo ho too w’akorade so kae sɛ:
Hena na ɔbɛba me so no?
5Hwɛ, mede ehu mefi wɔn a wɔatwitwa wo ho ahyia nyinaa nkyɛn maba wo so,
asafo AWURADE asɛm ni,
na wɔasunsum mo mmiako mmiako akyene
afi wo mfɛfo nyinaa mu
a obi remmoa aguanfo no ano.
6 Yer 48.47 Na ɛno akyi no, mede Amonfo nnommum mɛsan maba bio, AWURADE asɛm ni.
Edomfo ho atemmusɛm7 Yes 21.11; 34.5-15; Hes 25.12-14; Amos 1.11-12 Nea ɛfa Edom ho.
Sɛ asafo AWURADE se ni:
So nyansa bi nni Teman bio?
Afotu abɔ nhumufo,
wɔahwie wɔn nyansa agu?
8Munguan, monnan mo akyi, monkɔtena nea emu dɔ hɔ,
Dedanfo,
na mede Esau ho mmusu no bi mɛba no so,
bere a mɛba mabɛtwe n’aso no.
9Sɛ bobe abatewfo ba wo so a,
wɔrennyaw wo mpɛpɛwa.
Sɛ anadwo awifo ba a,
wɔbɛsɛe nea ɛbɛso wɔn.
10Na me de, mama Esau ho ada hɔ,
mayi n’ahentade adi,
na ɔrentumi nkora ne ho,
wɔasɛe n’asefo ne ne nuanom ne n’afipamfo,
na onni hɔ bio.
11Gyaw wo nyisaa, me na megye wɔn nkwa,
na w’akunafo nso, ma wɔmfa wɔn ho nto me so.
12 Yer 25.15, 21 Na sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, wɔn a ɛmfata wɔn sɛ wɔbɛnom kuruwa no, ɔnom ara na wɔnom, na wo de, wobɛfa wo ho sɔnn adi? Woremfa wo ho sɔnn nni, na mmom ɔnom ara na wobɛnom.
13Yer 44.12 Na maka me ho ntam, AWURADE asɛm ni, sɛ Bosra bɛdan ahodwiriwde, nsopa, amamfo ne nnome, na ne nkurow nyinaa ayeyɛ daa amamfo.
14Mate AWURADE anom nsɛm,
na wɔasoma ɔbɔfo akɔ amanaman mu sɛ:
Mommoaboa mo ho ano mmra no so,
na monsɔre mmɛko.
15Na hwɛ, mayɛ wo amanaman mu ketewa
ma wɔabu wo animtiaa nnipa mu.
16W’ahide ne
wo koma ahantan adaadaa wo,
wo a wote ɔbotan ntokuru mu,
wo a wote nkoko a ɛkorɔn so;
sɛ woyɛ wo buw sorosoro sɛ ɔkɔre po a,
ɛhɔ ara na meyi wo afi asi fam,
AWURADE asɛm ni.
17 Yer 50.13 Na Edom bɛdan amamfo, obiara a obetwam ho no, ne sɛe no nyinaa nti ne ho bedwiriw no, na wabɔ hwirema hwee hwee.
18Yes 1.9 Sɛ Sodom ne Gomora ne ɛho nkurow butuwii no, AWURADE asɛm ni, obi rentena hɔ, na onipa ba biara rensoɛ hɔ.
19Yer 50.44 Hwɛ, ɔforo sɛ gyata fi Yordan kwae no mu reba tenabea a ɛwɔ hɔ daa no so, na mɛma wɔde aguan afi hɔ afrɛso; na nea wɔayi no no, ɔno na mede no mesi so. Na hena na ɔte sɛ me? Na hena na obehyia me? Na hena ne oguanhwɛfo a obetumi agyina m’anim?
20Enti muntie AWURADE agyina a watu Edom ho, ne n’atirimpɔw a wabɔ Temanfo ho no: Ampa ara, wɔbɛtwe wɔn sɛ nguan mu nkumaa akɔ, ampa ara, wɔn ho bɛyɛ wɔn tenabea ahodwiriw.
21Wɔn asehwe gyegyeegye nti asase wosow, abubuw a wɔbɔ no, wɔte nka Mmɛw Po ano tɔnn.
22Yer 48.40 Hwɛ, ɔforo sɛ ɔkɔre, retu aba, na ɔtrɛw ne ntaban mu Bosra so; na ɛda no, Edom nnɔmmarima koma bɛyɛ sɛ ɔbea a ɔda ahohia mu koma.
Damasko ho atemmusɛm23 Yes 17.1; Amos 1.3-5 Damasko de:
Wɔakum Hamat ne Arpad aniwu,
efisɛ wɔate asɛmmɔne bi;
wɔn koma atu; ɛpo mu ahuru,
entumi nyɛ komm.
24Damasko agurow, adan ne ho rebeguan;
nketenkete akyere no,
ahohia ne yaw akita no
sɛ ɔbaa a ɔwɔ awo mu.
25Ayeyi kurow, m’ahosɛpɛw kurow no,
wɔagyaw no dɛn ara!
26Enti emu mmerante bɛtotɔ mmorɔn so,
na ɛda no ara wɔatwitwa n’akofo nyinaa agu,
asafo AWURADE asɛm ni.
27Na mɛsɔ Damasko fasu mu gya,
na ahyew Ben-hadad aban afɛfɛ no.
Arabia mmusuakuw ho atemmusɛm28 Yes 21.16-17; Yos 11.10 Kedar ne Hasor ahenni a Babel hene Nebukadnesar sɛee no de ni:
Sɛ AWURADE se ni:
Monsɔre ntu Kedar so sa,
na monsɛe apueifo.
29Wɔn ntamadan ne wɔn nguan, wɔbɛfa;
wɔn nkuntu ne wɔn nneɛmanneɛma
ne wɔn yoma, wɔbɛtase akɔ,
na wɔateɛm aka akyerɛ wɔn sɛ: Ehu wɔ afa nyinaa.
30 Yer 49.8 Munguan, muntu mmirikaden, monkɔhintaw nea emu dɔ hɔ,
mo a mote Hasor!
AWURADE asɛm ni.
Na Babel hene Nebukadnesar
atu mo ti agyina,
na wapam mo ho apam bɔne.
31Monsɔre ntu ɔman a wɔn ho dwo
a wɔte hɔ dwoodwoo no so sa,
AWURADE asɛm ni.
Wonni apon ne akyi adaban,
wɔn nko ara na wɔte hɔ.
32 Yer 9.26; 25.23 Na wɔn yoma bɛyɛ afowde,
na wɔn mmoakuw dodow ayɛ asade;
na mɛbɔ wɔn a wɔatwitwa wɔn bogyesɛputu mapete mframa nyinaa mu,
na mede wɔn sɛe mafi afa nyinaa maba wɔn so,
AWURADE asɛm ni.
33 Yer 9.10 Na Hasor bɛdan sakraman tenabea ne daa amamfo,
obi bi rentena hɔ,
na onipa biara rensoɛ mu sɛ ɔhɔho.
Elam ho atemmusɛm34AWURADE asɛm baa odiyifo Yeremia nkyɛn, Elam ho, Yuda hene Sedekia ahenni mfiase mu sɛ:
35Yer 25.25 Sɛ asafo AWURADE se ni: Hwɛ, merebubu Elam ta, wɔn mmaninyɛ ade titiriw mu;
36na mede mframa anan mefi ɔsoro afanan maba Elam so, na mabɔ wɔn mapete mframa yi nyinaa mu, na ɔman bi nni hɔ a Elam mpanyimfo remma hɔ;
37na mɛma Elam koma atu, wɔn atamfo ne wɔn a wɔpɛ wɔn akum wɔn no anim, na mede mmusu a ɛyɛ m’abufuw mu gya mɛba wɔn so, AWURADE asɛm ni, na mama afoa atiw wɔn akosi sɛ mewie wɔn yɛ.
38Na mede m’agua mesi Elam, na mama ɔhene ne mmapɔmma ayera hɔ, AWURADE asɛm ni.
39 Yer 49.6 Nanso nna a edi akyiri no mu no, mede Elam nnommum mɛsan maba, AWURADE asɛm ni.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.