Nnwom mu dwom 8 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Nnamfonom no daa nokwaredi

1Oo sɛ anka woyɛ me nua

a onum me na nufu ɛ!

Sɛ mihu wo borɔn so a,

anka mefew w’ano,

nso obi remmu me animtiaa.

2 Nmd 3.4 Anka megya wo makɔ me na fi,

na woakyerɛkyerɛ me ade,

na mama woanom nsa

a wɔde aduhuam bi agu mu,

m’atea nsa no bi.

3 Nmd 2.6 Ne benkum hyɛ me ti ase,

na ne nifa yɛ me atuu.

4 Nmd 2.7 Meka mo ntam, Yerusalem mmabea:

Munnnyan ɔdɔ na monnhwanyan no,

gye sɛ ɔno ara pɛ ansa.

5Ɛhena ne ɔbea yi a ɔforo fi sare so reba

a otweri ne dɔfo yi?

Minyan wo akutu no ase,

ɛhɔ na wo na woo wo,

ɛhɔ na wo wofo kyemee.

6Fa me si wo koma so sɛ nsɔanode,

fa me si wo basa so sɛ nsɔanode.

Na ɔdɔ yɛ den sɛ owu,

ninkuntwe mu yɛ duru sɛ asaman,

ne nsramma yɛ ogya nsramma, AWURADE gyaframa.

7Nsu pii ntumi nnum ɔdɔ,

na nsubɔnten ntumi nsram so;

sɛ obi de ne fi adedodow nyinaa ma de tɔ ɔdɔ mpo a,

wɔremmu no hwee.

8Yɛwɔ onuabea kumaa bi

a ɔmmɔɔ nufu ɛ,

dɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabea no

da a wobebisa n’ase no?

9Sɛ ɔyɛ ɔfasu a,

yɛbɛto no so dwetɛ aban,

na sɛ ɔyɛ ɔpon a,

yɛde kyeneduru ntaaboo bɛbram ne ho.

10Me de, meyɛ ɔfasu,

na me nufu te sɛ aban atenten,

ɛno na meyɛɛ n’ani so

sɛ nea ɔde asomdwoe ba.

11Solomon wɔ bobeturo bi Baal-hamon,

ɔde bobeturo no maa ahwɛfo,

sɛ n’aba nti wɔn nyinaa mmoma no dwetɛ apem apem.

12Me bobeturo a ɛyɛ me de no wɔ m’anim;

apem no nyɛ wo de, Solomon,

na ahanu nyɛ n’aba ahwɛfo de.

13 Nnw 45.14 Wo a wote nturo no mu no,

wo mfɛfo retie wo nne;

ma mintie ɛ!

14 Nmd 2.9 Fa mmirika guan, me dɔfo,

na yɛ wo ho sɛ ɔtwe anaa ɔforoteforo,

nnuhuam mmepɔw so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help