1Muntie asɛm yi, Basan anantwibere
a mowɔ Samaria bepɔw so,
mo a mumia abrɛfo na mohyɛ ahiafo so,
na moka kyerɛ mo wuranom sɛ:
Fa bra na yɛnnom no.
2AWURADE Nyankopɔn aka ne kronkronyɛ ho ntam sɛ:
Hwɛ, nna bi bɛba mo so a wɔde ntɔnkɔgye bɛtwe moakɔ,
ne mo akyirikafo nso, apofofo nnarewa ano.
3Na ɔfasu tokuru mu na mobɛfa apue,
obiara bɛfa n’anim tee afi adi,
na wobesunsum mo akyene Harmon,
AWURADE asɛm ni.
4 Deut 14.28 Monkɔ Betel nkɔto mmara,
monkɔ Gilgal mma mmarato nnɔɔso,
na momfa mo kum afɔre mmra daa anɔpa,
ne mo ntotoso du du daa nnansa.
5 Lew 2.11 Na momfa mmɔkaw abodoo nhyew aseda afɔre,
na mompae ayamye ayɛyɛde mma wɔnte.
Na saa na mopɛ, mo Israelfo,
AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
6Na me nso memaa mo se so daa mpan,
mo nkurow nyinaa mu,
na mudii aduankɔm mo tenabea nyinaa mu;
nanso moansan amma me nkyɛn,
AWURADE asɛm ni.
7 1 Ah 17.1 Na me nso mekamee mo osutɔ asram abiɛsa
a edi otwa anim no mu,
na metɔɔ osu guu kurow biako so,
na mantɔ bi angu kurow biako so;
afuw biako nyaa osu,
na afuw a ebi antɔ angu so no hyewee;
8na nkurow abien anaa abiɛsa kyinkyin kɔɔ kurow biako so
kɔnom nsu, nanso wɔammee;
nanso moansan amma me nkyɛn,
AWURADE asɛm ni.
9 Hag 1.11; Yoel 1.4 Memaa ɔyow ne ɔpo baa mo so;
mo nturo ne mo bobe nturo
ne mo borɔdɔma ne mo ngo nnua dodow no ntuntummɛ wee;
nanso moansan amma me nkyɛn,
AWURADE asɛm ni.
10 Eks 9.3 Mesomaa ɔyaredɔm a ɛte sɛ Misraim de baa mo mu,
mede afoa mikunkum mo mmerante,
na mefaa mo apɔnkɔ nnommum,
na memaa mo nsra mu hua kankan hyɛn mo hwene mu;
nanso moansan amma me nkyɛn,
AWURADE asɛm ni.
11 Gye 19.24-25; Sak 3.2 Mibutuw mo mu binom,
sɛ mibutuw Sodom ne Gomora no,
na moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afi ogya mu;
nanso moansan amma me nkyɛn,
AWURADE asɛm ni.
12Enti sɛɛ na mɛyɛ wo, O Israel;
esiane sɛ mɛyɛ wo sɛɛ nti,
siesie wo ho kohyia wo Nyankopɔn.
13 Mika 1.3 Na hwɛ, nea ɔnwenee mmepɔw
na ɔbɔɔ mframa na ɔkyerɛ onipa
nea ɛwɔ n’adwenem no,
nea ɔyɛ adekyeehema ne kusuu
na otiatia asase sorɔnsorɔmmea so no,
Awurade, asafo Nyankopɔn ne ne din.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
