Nnwom 14 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Wiase nnebɔne(Nnwom 53)Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid de

1Ogyennyentwi se ne komam sɛ:

Onyankopɔn bi nni hɔ.

Wɔasɛe, wɔn nneyɛe ayɛ akyide,

obi nni hɔ a ɔyɛ papa.

2 Nnw 33.13 AWURADE fi soro hwɛ nnipa mma,

sɛ obehu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma,

obi a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan.

3 Gye 6.12; Rom 3.10-12 Wɔn nyinaa aman, wɔn nyinaa aporɔw,

obi nni hɔ a ɔyɛ papa,

obiako po nni hɔ.

4 Mika 3.3 Enti omumɔyɛfo biara nni nimdeɛ,

wɔn a wodi me man sɛnea wodi aduan,

na wɔnsɔre AWURADE?

5Ɛno na wɔn ho bɛpopo, kɛse pa ara

efisɛ Onyankopɔn ka awo ntoatoaso a wɔyɛ atreneefo no ho.

6 Nnw 12.5 Mobɛhwete ahiafo atirimpɔw mu ara de,

nanso AWURADE ne wɔn guankɔbea.

7Hena na ɔde Israel nkwagye befi Sion aba?

Da a AWURADE de ne man nnommum bɛsan aba no,

Yakob bedi ahurusi, na Israel ani agye.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help