2 Samuel 10 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Dawid di Amonfo ne Siriafo so nkonim

1 1 Be 19 Na eyi akyi no, Amonfo hene wui, na ne ba Hanun besii n’ananmu dii hene.

2Mat 5.28-29 Ɛnna Dawid kae sɛ: Mɛyɛ Nahas ba Hanun adɔe, sɛnea n’agya yɛɛ me adɔe no. Na Dawid somaa ne nkoa sɛ wɔnkɔma no hyɛden n’agya wu no nti. Na Dawid nkoa no duu Amonfo asase so.

3Ɛnna Amonfo asafohene ka kyerɛɛ wɔn wura Hanun sɛ: So wususuw sɛ w’agya ni na Dawid di nti na ɔsomaa wo nkyɛn hyɛdenmafo yi? So ɛnyɛ kurow yi mu pɛepɛe ne ne nsra ne ne butuw nti na Dawid somaa ne nkoa baa wo nkyɛn yi?

4Na Hanun faa Dawid nkoa no yiyii wɔn bogyesɛ fa fa, na otwitwaa wɔn ntade mu fa fa beduu wɔn to ase na ogyaa wɔn kwan.

5Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid no, ɔsoma kohyiaa wɔn, efisɛ wɔasopa mmarima no pa ara. Na ɔhene kae sɛ: Montena Yeriko nkosi sɛ mo bogyesɛ befuw ansa na moasan aba.

6Na Amonfo no hui sɛ wɔn ho abɔn Dawid no, Amonfo no soma kɔbobɔɔ Bet-rehob Siriafo ne Soba Siriafo paa, anammɔnmufo ɔpeduonu ne Maaka hene nnipa apem ne Tob mmarima ɔpedumien.

7Na Dawid tee no, ɔsomaa Yoab ne akofofo dɔm no nyinaa kɔe.

8Na Amonfo fii adi betwitwaa mpasua kurow no pon ano; na Soba ne Rehob Siriafo ne Tob ne Maaka mmarima no nko gyina wuram.

9Na Yoab hui sɛ dɔm no ani kyerɛ no anim ne akyiri no, ɔpaw Israel mu dɔmmarima nyinaa mu bi ma wotwitwa kohyiaa Siriafo.

10Na dɔm no nkae no, ɔde wɔn hyɛɛ ne nua Abisai nsa ma otwa kohyiaa Amonfo.

11Na ɔkae sɛ: Sɛ Siriafo yɛ den sen me a, bɛboa me, na sɛ Amonfo na wɔyɛ den sen wo a, mɛba mabɛboa wo.

12Hyɛ wo ho den na ma yɛnhyɛ yɛn ho den mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkurow. Na AWURADE nyɛ nea eye n’ani so.

13Na Yoab ne dɔm a wɔka ne ho no ne Siriafo de bɔɔ ani, na woguanee n’anim.

14Na Amonfo no hui sɛ Siriafo aguan no, wɔn nso woguanee Abisai anim kɔhyɛn kurow no mu. Ɛnna Yoab san fii Amonfo no ho baa Yerusalem.

15Na Siriafo hui sɛ wɔagu Israel anim no, wɔboaboaa wɔn ho ano faako.

16Na Hadadeser soma kɔfaa Siriafo a wɔwɔ asuogya no bae na wɔbaa Helam. Na Hadadeser sahene Sobak dii wɔn anim.

17Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano na okotwaa Yordan kɔɔ Helam. Na Siriafo twitwaa mpasua hyiaa Dawid na wɔne no koe.

18Na Siriafo guanee Israel anim na Dawid kunkum Siriafo mu nteaseɛnamfo ahansɔn ne apɔnkɔsotefo ɔpeduanan, na opiraa ɔsahene Sobak ma owui hɔ.

19Na ahemfo a wɔyɛ Hadadeser nkoa no nyinaa hui sɛ wɔagu Israel anim no wɔne Israel yɛɛ asomdwoe apam na wɔsom wɔn. Na Siriafo suroe sɛ wɔbɛboa Amonfo no bio.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help