Gyenesis 28 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Isak hyira Yakob na ogya no kwan kɔ Mesopotamia

1 Gye 24.3 Na Isak frɛɛ Yakob, na ohyiraa no hyɛɛ no sɛ: Nware Kanaan mmabea mu yere.

2Gye 22.23; 24.29 Sɔre kɔ Mesopotamia, kɔ wo na n'agya Betuel fi, na kɔware wo na ne nua Laban mmabea no bi.

3Na Onyankopɔn Tweaduampɔn nhyira wo, na ɔmma wonnɔ, na ɔmma wonyɛ bebree, na woayɛ aman asafo;

4Gye 17.4-8 na ɔmfa Abraham nhyira, nhyira wo, wo ne w'asefo a wɔka wo ho, na woanya asase a woyɛ so hɔho a Onyankopɔn de ama Abraham yi.

5Na Isak gyaa Yakob kwan, na ɔkɔɔ Mesopotamia wɔ Aramni Betuel ba Laban a ɔyɛ Yakob ne Esau na Rebeka nuammarima no nkyɛn.

6Na Esau hui sɛ Isak ahyira Yakob, na wagya no kwan sɛ ɔnkɔ Mesopotamia nkɔware yere wɔ hɔ, na ohyiraa no, na ɔhyɛɛ no sɛ: Nware Kanaan mmabea mu yere,

7na Yakob atie n'agya ne ne na, na ɔkɔ Mesopotamia,

8na Esau hui sɛ Kanaan mmabea nye n'agya Isak ani so no,

9Gye 25.13; 26.34 Esau siim kɔɔ Ismael nkyɛn kɔwaree Abraham ba Ismael babea, Nebaiot nuabea Mahalat kaa ne yerenom no ho.

Yakob adaeso

10Na Yakob fi Beer-seba siim kɔɔ Haran.

11Na oduu baabi, na ɔsoɛɛ hɔ anadwo no, efisɛ owia akɔtɔ, na ɔfaa hɔ abo no bi sumii, na ɔdaa hɔ.

12Yoh 1.51 Na ɔsoo dae, na hwɛ, antweri bi si fam a atifi pem soro, na hwɛ, Onyankopɔn abɔfo di so aforosian.

13Gye 12.7 Na hwɛ, AWURADE gyina atifi, na ose: Mene AWURADE, w'agya Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn, asase a woda so yi, mede mɛma wo ne w'asefo.

14Gye 13.16; 12.3 Na w'asefo bɛyɛ sɛ asase so mfutuma, na woatrɛw akɔ atɔe ne apuei, atifi fam ne anafo fam, na wo ne w'asefo mu na wobehyira wiase mmusuakuw nyinaa.

15Na hwɛ, medi w'akyi, na mahwɛ wo so baabiara a wobɛkɔ, na mama woasan aba asase yi so, na merennyaw wo de bɛkɔ akosi sɛ mɛma nea maka makyerɛ wo yi aba mu.

16Na Yakob nyan fii ne nna mu no, ɔkae sɛ: Ampa ara, AWURADE wɔ ha yi, nanso me de, manhu.

17Eks 3.5 Na osuroe, na ose: ɛha yi yɛ hu ampa. Ɛha nyɛ baabiara sɛ: Onyankopɔn fi, na ɛha ne ɔsoro abobow ano.

18Na Yakob sɔree anɔpatutu, na ɔfaa ɔbo a osumii no de yɛɛ odum sii hɔ, na ohwiee ngo guu so.

19Gye 35.14-15 Na ɔfrɛɛ hɔ Betel ase ne: Onyankopɔn fi, nanso kan no na kurow no din de Lus.

20Na Yakob boaa aboade kae sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn bedi m'akyi ahwɛ me so ɔkwan a meretu yi mu, na wama me aduan madi ne atade mahyɛ,

21na wasan me asomdwoe mu de me aba m'agya fi a, ɛnne AWURADE bɛyɛ me Nyankopɔn.

22Gye 35.1, 7 Na ɔbo yi a mede mayɛ odum masi hɔ yi bɛyɛ Onyankopɔn fi. Na nea wobɛma me nyinaa, mɛma wo so ntotoso du du.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help