1
5Ampa, me kra, yɛ komm hwɛ Onyankopɔn ara,
na ne nsam na minya nea m’ani da so.
6
9Ampa ara, nnipa mma yɛ ahuhuw,
mmarima mma yɛ hunu;
wogu nseniam a, ehuan kɔ soro,
wɔn nyinaa yɛ ahuhuw.
10 Mat 19.22; Luka 12.19-20; 1 Tim 6.17 Mommfa mo ho nnto amimdi so,
na monnyɛ dwowtwa ho ahupoo;
sɛ ahonyade dɔ a,
mommfa mo koma nnto so.
11Onyankopɔn akasa pɛnkoro, mprenu na mate:
Sɛ tumi yɛ Onyankopɔn dea,
12 Rom 2.6-11 na wo, AWURADE, na ɔdom wɔ wo.
Na wubetua onipa ka sɛ n’adwuma te.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
