Hiob 11 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Sofar asɛnka a edi kan: Ɛsɛ Hiob sɛ ɔbrɛ ne ho ase Onyankopɔn anim

1Ɛnna Naamani Sofar gyee so sɛ:

2So wɔremmua nsɛnnodow yi

anaasɛ wɔmma ɔbarima tɛkrɛmafo nni bem?

3So wo kasa birebire bɛma nnipa amua wɔn ano?

Na sɛ wudi fɛw a, obi renhyɛ wo aniwu anaa?

4 Hiob 9.21; 10.7 Na woaka sɛ: Me kyerɛ yɛ gyenennyenen,

na me ho tew wɔ Onyankopɔn anim.

5 Hiob 38.1 Oo anka ma Onyankopɔn nkasa

na ommue n’ano nkyerɛ wo.

6 Nnw 51.6 Na wakyerɛ wo, ne nyansa mu ahintasɛm, sɛ emu dɔ yiye,

na hu sɛ Onyankopɔn yi n’ani fi w’amumɔyɛ no bi so.

7So wobɛbɔre ahu Onyankopɔn

anaasɛ wubehu akodu Otumfo pɛyɛ mu?

8Ɛkorɔn sɛ ɔsoro, dɛn na wobɛyɛ?

Ɛyɛ kuronkuron sɛ asaman, dɛn na wunim?

9Ne nsusuwii ware sen asase,

na ɛtrɛw sen ɛpo.

10Sɛ otwam ba, na ɔde nnipa gu nnua mu na ohyia asɛnni a,

ɛnne hena na obesianka no?

11Na ɔno na onim nnipa ahuhufo,

na ohu abusude, nanso ommu.

12Na onipa tibɔnkɔso nya nyansa koma a,

na ɛte sɛ wɔawo ahafurum sɛ onipa.

13Sɛ wo de, wusiesie wo koma,

na wotrɛw wo nsam kyerɛ no a,

14sɛ amumɔyɛ wɔ wo nsam a, yi kɔ akyiri,

na mma abusude nntena wo ntamadan mu.

15Ɛno na wobɛma w’ani so a wunni dɛm,

na wubetim pintinn a worensuro.

16Na wo werɛ befi wo haw,

wobɛkae no sɛ nsu a asen.

17Na wo nkwa nna bɛyɛ sɛ awia ketee,

esum bɛdan sɛ adekyee.

18Na wubenya abotɔyam sɛ anidaso wɔ hɔ,

wobɛhwɛ wo ho ahyia, na woada dwoodwoo.

19 Nnw 3.5; 4.8 Wobɛda ahome, na obi renyi wo hu,

na nnipa bebree bɛhwehwɛ wo hɔ dom.

20 Hiob 8.13 Na abɔnefo de, wɔn ani so besiw

na guankɔbea bɛbɔ wɔn,

na wɔn anidaso bɛdan wɔn owu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help