Mika 2 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Amimfo nnue!

1 Nnw 36.4 Wonnue wɔn a wodwen amumɔyɛsɛm

ne wɔn a wosiesie bɔne, wɔn nnae so;

anɔpa hann mu wɔyɛ,

efisɛ ɛwɔ wɔn nsam tumi mu,

2na wɔn ani bere mfuw, na wogye,

ne afi, na wɔfofa kɔ,

na wɔhyɛ ofiwura ne ne fi so

ne onipa ne n’agyapade so.

3 Amos 5.13 Enti sɛ AWURADE se ni:

Hwɛ, meredwen abusua yi ho bɔne

a morentumi nyiyi mo kɔn mfi mu,

na morenyi akyea ahantan so nso,

na ɛbɛyɛ bere bɔne.

4Ɛda no wɔbebu mo ho bɛ

na wɔatwa kwadwom sɛ:

Ade ayɛ yɛn! Me man kyɛfa no,

wasakra no; wagye afi me nsam;

otuatewfo na ɔkyɛ yɛn mfuw mu ma no.

5Enti worennya nea ɔde susuhama bɛto wo kyɛfa so,

AWURADE asafo mu.

6 Amos 7.16 Monnka adiyisɛm! Sɛ wɔkeka nen;

wɔnnka eyinom ho adiyisɛm,

ahohora remma.

7 Amos 6.3 Yakob fi, so; wɔnka sɛ:

So AWURADE honhom nni boasetɔ anaa?

So eyinom ne ne nneyɛe anaa?

So ɛnyɛ yiye na me nsɛm yɛ

nea ɔnam tee no anaa?

8Nanso mosɔre tia me man sɛ ɔtamfo,

na muyi wɔn a wotwam dwoodwoo

a wɔmpɛ ɔko no ho ntade so nguguso.

9Mopam me man mu mmea

fi wɔn afi afɛfɛ mu

na mugye m’anuonyam

fi wɔn mmotafowa hɔ koraa.

10Monsɔre na monkɔ!

Na ɛha nyɛ mo homebea,

esiane efigu a ɔsɛe a ɛso ba no nti.

11Sɛ obi a ɔnam keka ahuhusɛm

na ɔdaadaa di atoro ka sɛ:

Mɛka wo bobesa ne mmorosa ho adiyisɛm,

a ɔno na ɔbɛyɛ ɔman yi adiyisɛnkafo!

Ogye ho bɔhyɛ

12 Hes 36.37 Ɔboa na mɛboa mo nyinaa ano, O Yakob,

hyia na mehyia Israel nkae;

mɛka wɔn mabom

sɛ nguan a wɔwɔ nguanban mu,

sɛ mmoakuw wɔ wɔn didibea,

nnipa dodow nti, wɔbɛyɛ hoo.

13 Yes 52.12 Otwafo di wɔn anim reforo aba;

wɔbɔ kirididi sen fa kurow pon mu,

na wɔfa mu fi adi bio;

na wɔn hene sen di wɔn anim,

na AWURADE di wɔn kan.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help